Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 2:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

40 Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

40 Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 2:40
34 Iomraidhean Croise  

Monnyaa ntetekwaayɛ na monnya nkwa, na monnante nhunumu kwan so.


Me man, momfiri adi mfiri ne mu, na monnyegye mo kra mfiri AWURADE abufuo mu gya no ano.


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.


Na Yesu kaa sɛ: O nnɛ mma a monni gyidie na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkɔduru da bɛn? Mento me bo ase mma mo nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!


Awɔ, nhuritia mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu kurom atemmuo?


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


na mewɔ nuammarimanom baanum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ, na wɔn nso amma aninyanneɛ mu ha yi bi.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


Na nnoɔma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ, ɛno na sɛ wɔtwerɛɛ ne nyinaa mmaako mmaako a, anka mesusu sɛ, nwoma a wɔbɛtwerɛ no rensene wiase mpo.


na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yɛnni adanseɛ sɛ ɔno ne ateasefoɔ ne awufoɔ temmufoɔ a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no.


Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifoɔ no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den.


Na ɔforo bae, na ɔbubuu paanoo, na ɔdiiɛ no, ɔtoaa so kasae ara kɔsii adekyeeɛ, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.


Na ɔtwaa mu hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela.


na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


Na aberanteɛ bi a ne din de Eutiko te mpomma ano ada hatee, na ɛsiane sɛ Paulo kasa kyɛreeɛ nti, ɔtɔɔ nko firii aborɔsansa no so hwee ase, na wɔmaa no soɔ no, na wawu.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.


Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no


Enti yɛyɛ abɔfoɔ ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu foɔ; yɛgyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Nyankopɔn nka mmom.


Enti momfiri wɔn mu, na monte mo ho mfiri wɔn mu, Awurade na ɔseɛ, na monnka deɛ ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Na medi adanseɛ bio mekyerɛ onipa biara a wɔatwa no twetia sɛ, ɛtwa sɛ ɔdi mmara no nyinaa soɔ.


Enti meka yei na medi adanseɛ, Awurade mu, sɛ monnnante bio sɛdeɛ amanaman mufoɔ a aka no nante wɔn adwene hunuyɛ mu no.


Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekaeɛ nti wɔnna so nyɛ ne mma, awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye a wɔakyea.


na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakonton na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,


Afei nso monim, sɛdeɛ yɛtuu mo nyinaa fo mmaako mmaako, sɛdeɛ agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo den, na yɛdii mo adanseɛ


Ma w’ani mmra wo ho ne nkyerɛkyerɛ no so na tena mu, ɛfiri sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne w’atiefoɔ nkwa.


Menam onua nokwafoɔ Silwano so, sɛdeɛ mebu no no, matwerɛ nsɛm tiawa yi mabrɛ mo, mede metu mo fo, na medi adanseɛ sɛ, yei ne Nyankopɔn nokorɛ adom a moabɛgyina mu yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan