Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 2:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ fi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ ofi a wɔte mu no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 2:2
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔkaa sɛ: Firi adi kɔgyina bepɔ no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaa mu, na mframa kɛseɛ a ɛyɛ den paepaee mmepɔ na ɛbubuu abotan dii AWURADE anim; nanso na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyiri no asasewosoɔ, na ɛnyɛ asasewosoɔ no mu na AWURADE wɔ;


Na ɔtenaa Kerub so na ɔtui, na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛ so.


Atifi fam mframa, sɔre, na anafoɔ mframa nso, bra bɛbɔ me turo mu, ma ne nnuhwam nsosɔ. Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu, na ɔnni mu nnuaba a ɛwɔ boɔ no.


Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfoɔ no ho yii Onyankopɔn ayɛ sɛ:


Mframa bɔ kɔ faako a ɛpɛ, na wote ne nka, na wonnim faako a ɛfire ne faako a ɛrekorɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no teɛ.


Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmaako mmaako.


Na wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, nnipa pii bɛhyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.


Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.


Wɔyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho nko na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seesei yɛbɔ no dawuro kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firi soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhunu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan