Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 2:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Petro ne dubaako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, monhunu yei, na momma me nsɛm yi nkɔ mo aso mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na Petro ne dubaako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, monhunu yei, na momma me nsɛm yi nkɔ mo aso mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na Petro ne dubiako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, munhu eyi, na momma me nsɛm yi nkɔ mo asom!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 2:14
18 Iomraidhean Croise  

Na afei, mma, montie me, na nhyira ne wɔn a wɔdi m’akwan soɔ.


Foro kɔ bepɔ a ɛkorɔn soɔ, O, Ɔsɛmpakafoɔ Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O Ɔsɛmpakafoɔ Yerusalem. Ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn nie!


Montie me, mo a modi tenenee akyire na mohwehwɛ AWURADE no, monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo firii mu ne abopaebea a wɔtuu mo firii mu no,


Me nkurɔfoɔ, montie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmuo atim hɔ ayɛ aman hann.


Montie me, mo a monim tenenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu, monnsuro ɔdasani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ,


Tie! w’awɛmfoɔ bom ma wɔn nne so to ahurisie dwom; ɛfiri sɛ wɔn ani tua AWURADE sɛ ɔresane aba Sion.


Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane, ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo? Montie me ɛ, monni nnepa, na sradeduane nyɛ mo kra dɛ.


Team denden, nnodo ho; ma wo nne so sɛ totorobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn.


Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem


Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkann no kaa asomafoɔ dubaako no ho.


Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamm kaa sɛ: Israel mmarima ne mo a mosuro Onyankopɔn, montie!


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafoɔ nso aba asɔrefie, de efi abɛka kronkronbea ha yi.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel mmarima, monhwɛ mo ho yie nnipa yi ho wɔ deɛ mo ne wɔn rebɛdie yi ho.


Na Stefano buaa sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Animuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham berɛ a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran no,


Na Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman;


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan