Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 ne Kretafoɔ ne Arabfoɔ mu biara kasa mu yi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Kretefo ne Arabiafo, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 2:11
36 Iomraidhean Croise  

ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ ne akwantemfoɔ batadie mu, ne deɛ ɛfiri Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nsam.


Na wɔfiri Filistifoɔ mu nso de ayɛyɛdeɛ ne apeatoɔ dwetɛ brɛɛ Yehosafat, Arabiafoɔ mpo de nnwan brɛɛ no, adwennini mpemnson ahanson ne mpapo nso mpemnson ahanson.


Na Onyankopɔn boaa no tiaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔtete Gur-baal, ne Meunifoɔ no.


Ɔyɛ ade akɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu ne anwanwadeɛ a wɔntumi nkan.


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,


Wama wɔakae n’anwanwadeɛ, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE.


Deɛ ɔno nko ara yɛ anwanwadeɛ akɛseɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


sɛ merema wɔate m’aseda dwom, na maka w’anwanwadeɛ nyinaa.


AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwanwadeɛ ne w’adwene, woama no adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribiara nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sene sɛ wɔbɛtumi akan.


Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ.


Mɛkae AWURADE nneyɛɛ maka, aane, mɛkae wo tete anwanwadeɛ,


yɛremfa nhunta wɔn mma, yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm, ne ne tumidie, ne n’anwanwadeɛ a wayɛ no.


Na ɔsoro yi wo, AWURADE, anwanwadeɛ ayɛ, ne wo nokorɛ nso wɔ akronkronfoɔ asafo mu.


Monka n’animuonyam, amanaman mu, n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu.


Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.


Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu, na Arab atutenani biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ, na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu hɔ;


Arabia ho atemmusɛm nie: Dedanim akwantemfoɔ asafo, Arabia kwaeɛ mu na mobɛsoɛ.


AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so na makamfo wo din sɛ woayɛ anwanwadeɛ; tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.


Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire; n’agyinatuo yɛ nwanwa na ne nyansa nni ano.


ne Arabia ahemfo nyinaa, ne afrafrafoɔ ahemfo a wɔte anwea pradada soɔ no nyinaa,


Ma w’ani so kyerɛ nkokoɔ pataa so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ ɛserɛ so Arabni, na wode w’adwamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi.


Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Yei ase ne sɛn?


Na ɛsiane sɛ suhyɛn gyinaberɛ hɔ nna hɔ yie, sɛ wɔbɛdi awɔ berɛ wɔ hɔ nti, wɔn mu bebree kaa sɛ wɔbɛtu afiri hɔ nso akɔhwɛ sɛ wɔbɛtumi akɔduru Foinike a ɛyɛ Kreta suhyɛn gyinaberɛ a ɛda kɔ atifi ne atɔeɛ ntam, ɛne anafoɔ ne atɔeɛ ntam, na wɔakɔdi awɔ berɛ no wɔ hɔ.


Na anafoɔ mframa firii aseɛ bɔeɛ no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka deɛ wɔde sii wɔn anim no, na wɔtuu sɛkyɛ no nam ano ano a wɔbɛnee Kreta.


Na nnafua bebree na yɛnam brɛɛ, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Kreta aseɛ aseɛ sianee Salmone ho.


Obi nso wɔma no tumideɛyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no honhom ahodoɔ mu nhunumu, obi nso wɔma no kasa ahodoɔ, obi nso wɔma no kasa ahodoɔ nkyerɛaseɛ.


Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu, deɛ ɛdi kan, sɛ asomafoɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ, bio nso tumideɛ, ne ayaresa adom akyɛdeɛ, aboafoɔ, mpaninnie, kasa ahodoɔ.


nso mankɔ Yerusalem wɔn a wɔdii m’anim yɛɛ asomafoɔ no nkyɛn, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesane mebaa Damasko bio.


Na Hagar yɛ Sinai bepɔ a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ Yerusalem sɛso, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu.


Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ara wɔn diyifoɔ kaa sɛ: Kretafoɔ yɛ atorofoɔ daa, mmoa bɔne, akwadwofoɔ adidifoɔ.


Yei nti na megyaa wo Kreta, na woasiesie nnoɔma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kuro biara so mpanimfoɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no:


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan