Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakyera aba Yudasom mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 2:10
34 Iomraidhean Croise  

Na ɛkɔm baa asase no so, na Abram siane kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no mu yɛ den asase no so.


Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.


Montenatena apɔnkɔ so, na nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfiri adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no.


Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anwea pradada soɔ na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufoɔ nni nyinaa; ɛfiri sɛ amanaman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ, na Israel fie nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.


Etiopia, Put, Lidia ne afrafrafoɔ dɔm nyinaa ne Kub a wɔne wɔn wɔ apam no nyinaa bɛtotɔ nkrantɛ ano.


na ɔbɛnya sika ne dwetɛ akoradeɛ ne Misraim afɛfɛdeɛ nyinaa adi so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ bɛdi n’anammɔn akyi.


Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛbɛba bio sɛ aman no nkuro pii mufoɔ bɛba,


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.


na ɔwɔ hɔ ara kɔsii sɛ Herode wuiɛ; na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afiri Misraim.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ motwa ɛpo ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa baako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuromani mmɔho mmienu sene mo ara.


Na wɔrefiri adie no, wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa no soaa n’asɛnnua no.


Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.


Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafoɔ no.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


Na Paulo ne ne mfɛfoɔ tu firii Pafo no, wɔbaa Perge a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho firii wɔn ho sane kɔɔ Yerusalem.


Na wɔn a wɔahyia mu no paepaee mu no, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ nyamesurofoɔ no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Nyankopɔn adom no mu.


Na wɔtwaa mu wɔ Pisidia no, wɔbaa Pamfilia.


Nanso Paulo susuu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔbɛfa deɛ ɔtwee ne ho firii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho.


Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, ɛfiri sɛ Honhom Kronkron sii wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.


Nso Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforɔ bie.


Na ɔhunuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreeɛ, ne ne yere Priskila, ɛfiri sɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma nkɔ. Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn,


Na ɔkyɛree hɔ kakra no, ɔfirii hɔ kɔkyinii Galatia ne Frigia nkuro nyinaa mu hyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den.


Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.


Na anadwo no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn kaa sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ Yerusalem ha yi no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wokɔdi adanseɛ wɔ Roma.


Na yɛfaa Kilikia ne Pamfilia po soɔ no, yɛkɔgyinaa Likia kuro Mira ho.


Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no firi bɛhyiaa yɛn Apia dwa mu ne akuraa bi a ɛde Nsadan-Mmiɛnsa, na Paulo hunuu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam.


Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani.


Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,


saa nti na mefiri m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso.


Me Paulo, metwerɛ de kɔma Nyankopɔn adɔfoɔ a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.


Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ɔhunuu me.


Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔntene so, kuro a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, deɛ wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan