Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 19:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso nnipa no mu bi pirim wɔn koma, annye anni, kasa tiaa asɛm no wɔ atiefo no anim. Enti Paulo fii hɔ de agyidifo no kaa ne ho kɔe. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano asuadan mu daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso, nnipa no mu bi pirimm wɔn akoma, annye nni, kasa tiaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho wɔ atiefoɔ no anim. Enti, Paulo firii hɔ de agyidifoɔ no kaa ne ho kɔeɛ. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Nanso ebinom koma yɛ den, na wontie, na wɔkasa ɔkwan no ho bɔne nnipakuw no anim nti, ogyaw wɔn hɔ yii asuafo no fii wɔn mu, na ɔkasae obi a ɔde Tirano suadan mu daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 19:9
39 Iomraidhean Croise  

Nanso wɔantie, na wɔsensenee wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn annie no kɔn.


Afei monnsensene mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo ho mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekɔsi daa no mu, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ no mfiri mo ho nkɔ.


Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro.


Na wodii wɔn adanseɛ sɛ wobɛsane wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wɔdii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na wo atemmudeɛ nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, ɔnya nkwa. Na wɔhimaa wɔn mmati firii ho, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie.


Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba, sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,


Nhyira ne onipa a ɔtie me na ɔwɛn m’apono ano daa daa, na ɔhwɛ m’aboboano aponnwa soɔ.


Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔwatiri botan ama Israel afie mmienu no nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a maka agu kuro yi soɔ no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔasene wɔn kɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.


nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn yɛɛ bɔne sene wɔn agyanom.


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.


Wafira wɔn ani, na wapirim wɔn akoma, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho na mansa wɔn yadeɛ.


na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirinhyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ bebree. Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ.


Nanso kuro mu hɔfoɔ no mu paee, ɔfa wɔ Yudafoɔ no afa, na ɔfa nso wɔ asomafoɔ no afa.


Na wɔn mu binom gye dii, na wɔde wɔn ho bɔɔ Paulo ne Silas ho, wɔne Helafoɔ nyamesurofoɔ no mu pii ne mmaa mpanimfoɔ no mu fa kɛseɛ.


Ɛberɛ no ara mu sakasaka a ɛbaa Ɔkwan no ho nyɛ adewa.


Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔhyɛne nkurɔfokuo no mu, nanso asuafoɔ no amma no kwan.


Enti monwɛn, monkae sɛ mfeɛ mmiɛnsa ni, anadwo ne awia, mennyaee mo mu biara afotuo wɔ nisuo mu da.


Na metaa Ɔkwan yi de kɔɔ owuo mu. Mekyekyeree mmarima ne mmaa, na meyii wɔn maa wɔde wɔn kɔguu afiase,


gye asɛm baako yi a megyina wɔn mu no, meteaa mu mekaa sɛ: Awufoɔ sɔreɛ ho na morebu me atɛn nnɛ yi.


Na yɛpɛ sɛ yɛtie deɛ wo ara wodwene, na fekuo yi deɛ, yɛnim sɛ wɔkasa tia wɔ mmaa nyinaa.


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


kɔsrɛɛ ne nkyɛn nwoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ɔhunu nnipa bi saa gyidie kwan no mu a, mmarima oo, mmaa oo, ɔde wɔn homa mu aba Yerusalem.


Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ hwehwɛ no, wɔannya, na wɔn a wɔayi wɔn no anya, na wɔn a aka no akoma apirim;


Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.


ɛfiri sɛ wɔabue ɛpono kɛseɛ a emu adwumayɛ bɛso aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwene mu asɛeɛ, na nokorɛ abɔ wɔn a wɔsusu sɛ onyamesom pa yɛ adepɛdeɛ.


Wonim yei, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adane afiri me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo, ne Hermogene.


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!


Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.


Na mmom montutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ “ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara akoma.


Na yeinom deɛ, wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wɔka deɛ wɔnnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn ara wɔn sɛeɛ mu,


Na bebree bɛdi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti, wɔbɛka nokorɛ kwan no ho nsɛmmɔne.


Na yeinom deɛ, wɔka deɛ wɔnnim no ho nsɛmmɔne, na deɛ wɔfiri wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wɔnni adwene no, ɛno mu na wɔgu wɔn ho fi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan