Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 19:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoɔduro kaa asɛm abosome mmiɛnsa, kyerɛkyerɛɛ mu yie ama wɔagye Nyankopɔn ahennie ho asɛm no adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoɔduro kaa asɛm abosome mmiɛnsa, kyerɛkyerɛɛ mu yie ama wɔagye Nyankopɔn ahennie ho asɛm no adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ hyiadan mu asram abiɛsa pɛɛ sɛ ɔsakra nnipa no adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm wɔ hyiadan mu abosome mmiɛnsa pɛɛ sɛ ɔsakyera nnipa no adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔde akokoduru kaa asɛm no, asram abiɛsa na ɔkasae, na ɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 19:8
17 Iomraidhean Croise  

Wɔn nso na n’amanehunu akyiri no, ɔnam adanseɛ bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefoɔ adaduanan mu maa wɔhunuu no, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm.


Na wɔn deɛ, wɔfirii Perge no, wɔtwaa mu baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ.


Enti hyiadan mu, na ɔne Yudafoɔ ne nyamesurofoɔ no yɛɛ nhwehwɛmu dendeenden, na edwa mu nso, daa na ɔne wɔn a ɔbɛto wɔn no dii anobaebaeɛ.


Na wɔbaa Efeso, na ɔgyaa wɔn hɔ; na ɔno ara deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu dendeenden.


Ɔfirii aseɛ de akokoɔduro kasaa hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila teeɛ no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.


Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ.


Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.


Na wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dummienu.


Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.


Enti monwɛn, monkae sɛ mfeɛ mmiɛnsa ni, anadwo ne awia, mennyaee mo mu biara afotuo wɔ nisuo mu da.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.


Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan