Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 19:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfe abien; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafo ne Helafo ka ho no tee Awurade asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafoɔ ne Helafoɔ ka ho no tee Awurade asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na saa ade yi kɔɔ so mfirihyia abien, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafo ne Helafo, tee Awurade asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 19:10
23 Iomraidhean Croise  

Ɛberɛ a amrado no hunuu deɛ asie no, ɔgye diiɛ, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiri.


Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, ɛfiri sɛ Honhom Kronkron sii wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.


Na ɔtenaa hɔ afe ne abosome nsia kyerɛkyerɛɛ Nyankopɔn asɛm wɔ wɔn mu.


Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ.


Sɛdeɛ Awurade asɛm nam ahoɔden so nyiniiɛ na ɛyɛɛ den ne no.


Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra.


Na ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoɔduro kaa asɛm abosome mmiɛnsa, kyerɛkyerɛɛ mu yie ama wɔagye Nyankopɔn ahennie ho asɛm no adi.


Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,


Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monim sɛdeɛ ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenaa berɛ no nyinaa mu,


Enti monwɛn, monkae sɛ mfeɛ mmiɛnsa ni, anadwo ne awia, mennyaee mo mu biara afotuo wɔ nisuo mu da.


Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,


Na m’ani nwu asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso.


Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam; ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi wɔn nyinaa soɔ, na ɔwɔ ahonyadeɛ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.


Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duruu wiase ano.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Wonim yei, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adane afiri me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo, ne Hermogene.


Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn,


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan