Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 18:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔhunuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreeɛ, ne ne yere Priskila, ɛfiri sɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma nkɔ. Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔhunuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreeɛ, ne ne yere Priskila, ɛfiri sɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma nkɔ. Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛhɔ na ohyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila a wɔwoo no wɔ Ponto a ɔne ne yere Priskila fi Italia aba hɔ a na ɛnkyɛe. Wofii Italia efisɛ na Roma hempɔn Klaudio ahyɛ mmara se Yudafo nyinaa mfi Roma asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛhɔ na ɔhyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila, a wɔwoo no wɔ Ponto, na ɔne ne yere Priskila firi Italia baa hɔ a na ɛnkyɛreɛ. Wɔfirii Italia, ɛfiri sɛ, na Roma ɔhempɔn Klaudio ahyɛ mmara sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ohuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto na ofi Italia baa hɔ nkyɛe, ne ne yere Priskila, efisɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma nkɔ, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 18:2
11 Iomraidhean Croise  

Na wɔn mu baako a ne din de Agabo sɔree nam Honhom so kyerɛɛ sɛ ɛkɔm kɛseɛ rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio berɛ soɔ no.


Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛree kakra ara yie no, ɔkraa anuanom no, ɔfirii hɔ faa nsuo ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na ɔyii ne ti wɔ Kenkrea; ɛfiri sɛ na wadi nseɛ.


Ɔfirii aseɛ de akokoɔduro kasaa hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila teeɛ no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.


Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,


Na wɔsii agyinaeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔyii Paulo ne apokyerɛfoɔ bi maa asraafoɔ ha so panin bi a ne din de Yulio, a ɔfiri Augustan asraafoɔ kuo mu.


Ɛhɔ na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu Aleksandria suhyɛn bi a ɛrekɔ Italia no, ɔde yɛn kɔguu mu.


Asafo a ɛwowɔ Asia no kyeakyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fie no kyea mo pii, Awurade mu.


Mekyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ!


Monkyea mo mpanimfoɔ nyinaa ne ahotefoɔ nyinaa. Wɔn a wɔfiri Italia kyea mo.


Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan