Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 17:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na wɔtwaa mu wɔ Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafoɔ hyiadan wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na wɔtwaa mu wɔ Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafoɔ hyiadan wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔtoaa wɔn akwantu no so fii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafo hyiadan wɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔtoaa wɔn akwantuo no so firii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafoɔ hyiadan wɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔtwaa mu Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafo hyiadan wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 17:1
13 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ.


Na ɛfiri tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkuro nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.


Na homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asuo bi ho baabi a yɛsusuu sɛ wɔbɔ mpaeɛ hɔ. Na yɛtenaa aseɛ no, yɛkasa kyerɛɛ mmaa a wɔabɛhyia hɔ no.


Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu.


Yudafoɔ a ɛwɔ ha no yɛ animdefoɔ sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa na wɔhwehwɛ twerɛsɛm no mu sɛ nnoɔma no te saa anaa.


Na Yudafoɔ a wɔfiri Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Nyankopɔn asɛm Beroia nso no, wɔbaa hɔ bɛhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso.


Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho.


Na yɛkɔɔ Adramitio suhyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yɛtui, na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika ka yɛn ho.


Na Tesalonika nso mosomaa prɛko ne ne mprenu so de deɛ ɛhia me brɛɛ me.


Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɛwɔ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu. Adom ne asomdwoeɛ nka mo.


Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.


Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu:


Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan