Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 16:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na anadwo no, Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twa mu bra Makedonia bɛboa yɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na anadwo no, Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twa mu bra Makedonia bɛboa yɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Da no anadwo Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no se, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛda no anadwo Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na anadwo no, Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twam bra Makedonia bɛboa yɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 16:9
32 Iomraidhean Croise  

Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim,


Na ɔhunuu anisoadeɛ no ara pɛ na yɛpɛɛ sɛ yɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn ampa sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.


Na yɛfirii hɔ kɔɔ Filipi a ɛyɛ Makedonia mansini kuropɔn mu. Na yɛdii kuro yi mu nna kakra.


Na Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nnam kaa asɛm no na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ Yesu ne Kristo no.


Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.


Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra.


Na basabasa hyɛɛ kuro no ma, na wɔde adwenkorɔ bɔɔ kirididi kɔɔ ahwɛeɛ kɔkyeree Makedoniafoɔ Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.


Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia.


Na ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, na Yudafoɔ retɛ no nti, ɔpatu sane bɛfaa Makedonia.


Na yɛkɔɔ Adramitio suhyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yɛtui, na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika ka yɛn ho.


Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.


Na Makedonia ne Akaia de fɛ aboaboa nnoɔma bi ano de rekɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafoɔ.


Na mewɔ mo nkyɛn na ɛhiaa me no, manyɛ obiara so adesoa. Na deɛ ɛhiaa me no, anuanom a wɔfiri Makedonia baeɛ no maa me nsa kaeɛ; na nnoɔma nyinaa mu, mehwɛɛ me ho, na mɛhwɛ no saa ara, na manyɛ adesoa mamma mo.


Na deɛ ɛbɛyɛ na meremfa adiyie no tra a ɛtra soɔ memma me ho so bebree nti, wɔama me honam mu kasɛɛ, Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.


Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ahome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma;


Nanso, anuanom, yɛrema moahunu Nyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no,


ɛfiri sɛ menim ɛho adwene a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ siesiee wɔn ho afe ni. Na mo mmɔdemmɔ no akɔkanyan nnipa bebree.


Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?


na moyɛ saa nso anuanom a wɔwɔ Makedonia nyinaa ho. Nanso, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkɔ so nyɛ mmoro so,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan