Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 16:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, ɛfiri sɛ Honhom Kronkron sii wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, ɛfiri sɛ Honhom Kronkron sii wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn kwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no nti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn ɛkwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no enti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, efisɛ Honhom Kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 16:6
31 Iomraidhean Croise  

Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.


sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti,


Na Petro redwene anisoadeɛ no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa bi rehwehwɛ wo;


Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na mennye hwee ho akyinnyeɛ. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fie.


Na wɔduruu Misia ntentensoɔ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan.


Na ɔkyɛree hɔ kakra no, ɔfirii hɔ kɔkyinii Galatia ne Frigia nkuro nyinaa mu hyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den.


Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.


Na Paulo aka sɛ ɔbɛsiane Efeso ho, na wankɔkyɛre Asia; ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɔbɛtumi a, wakɔduru Yerusalem Pentekoste da.


Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ, sɛ mobɛyɛne Nyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie.


Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho.


Na nnanson no reyɛ aduru no, Yudafoɔ a wɔfiri Asia hunuu no asɔrefie no, wɔhwanyanee nnipa a ahyia hɔ no nyinaa maa wɔsɔɔ no mu teaa mu sɛ:


Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,


Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twe kɔ teaseɛnam yi ho!


Monkyea asafo a ɛwɔ wɔn fie no nso. Monkyea me dɔfo Epaineto a ɔyɛ Kristo mu abakan a ɔfiri Asia no.


Na yeinom nyinaa Honhom korɔ no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ ɔpɛ.


Na ɛfa ɛtoɔ a wɔde kɔma ahotefoɔ no ho deɛ, sɛdeɛ mehyehyɛɛ no Galatia asafo mu no, mo nso monyɛ saa ara.


Asafo a ɛwowɔ Asia no kyeakyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fie no kyea mo pii, Awurade mu.


Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ wuo.


ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de kɔma Galatia asafo ahodoɔ:


O, Galatifoɔ a moyɛ adwenharefoɔ! Hwan na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee paa nie?


Wonim yei, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adane afiri me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo, ne Hermogene.


Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.


Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn,


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan