Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 15:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidi so tew wɔn koma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 wamma ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidi so tew wɔn komam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 15:9
24 Iomraidhean Croise  

Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.


Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni soɔ, mo ne ananafoɔ a wɔabɛyɛ mo mu ahɔhoɔ a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapadeɛ so ntonto, Israel mmusuakuo no mu;


Na ɛnne no sane baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ!


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim sɛdeɛ Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho, anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me deɛ, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa biara sɛ ɔmfra, anaasɛ ne ho nte.


Na Petro buee n’ano kaa sɛ: Nokorɛ mu na mahunu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,


Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na mennye hwee ho akyinnyeɛ. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fie.


Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ.


Na wɔbaeɛ na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛdeɛ wabue gyidie pono ama amanaman mufoɔ no.


Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu,


Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛn Yudafoɔ sene yeinom anaa? Yɛnsene wɔn koraa. Na yɛde akane nsɛm no akyekyere Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,


Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafoɔ nko ara mu, na amanaman mufoɔ nso.


de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;


Wɔfrɛɛ obi na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma no nnnane momonotoni. Wɔfrɛ obi na ɔyɛ momonotoni anaa? Mma wɔnntwa no twetia.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


sɛ amanaman mufoɔ nso bɛyɛ adedifoɔ ne nipadua korɔ no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa wɔ ne bɔhyɛ no ho bi wɔ Kristo Yesu mu.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Monte mo kra ho, nokorɛ setie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na momfiri akoma mu nnodɔ mo ho mo ho denden.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan