Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 15:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ebinom a wɔfiri Farisifoɔ fekuo mu a wɔagye adie sɔree, na wɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni Mose mmara no soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ebinom a wɔfiri Farisifoɔ fekuo mu a wɔagye adie sɔree, na wɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni Mose mmara no soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso Farisifo a wɔabɛyɛ agyidifo no hyɛe sɛ, ɛsɛ sɛ wotwa amanamanmufo a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wodi Mose mmara no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso, Farisifoɔ a wɔabɛyɛ agyidifoɔ no hyɛɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtwa amanamanmufoɔ a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wɔdi Mose mmara no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ebinom a wofi Farisifo fekuw mu a wɔagye adi sɔree, na wose: Ɛsɛ sɛ wotwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wonni Mose mmara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 15:5
14 Iomraidhean Croise  

Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?


Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ.


Ɛsiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi firi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani, aha mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti,


Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Na yei deɛ, mepae mu meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuo no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na megye nnoɔma a wɔatwerɛ no mmara ne adiyifoɔ mu nyinaa medi.


Yɛahunu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufoɔ a ɔde mansotwe ba Yudafoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin.


Na yɛpɛ sɛ yɛtie deɛ wo ara wodwene, na fekuo yi deɛ, yɛnim sɛ wɔkasa tia wɔ mmaa nyinaa.


Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho a wɔfiri Sadukifoɔ fekuo mu no nyinaa sɔreeɛ, na anibereɛ nti,


Wɔfrɛɛ obi na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma no nnnane momonotoni. Wɔfrɛ obi na ɔyɛ momonotoni anaa? Mma wɔnntwa no twetia.


Na Kefa baa Antiokia no, megyinaa n’anim kasa tiaa no ɛfiri sɛ na wadi mfomsoɔ bi.


Na mehunuu sɛ, wɔnnante tee sɛdeɛ asɛmpa no nokorɛ teɛ no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafoɔ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan