Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 15:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi fi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no se, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no kyerɛ no a morennya nkwa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi firi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ no kyerɛ no a, morennya nkwa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na nnipa bi fi Yudea bae bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no te no a, muntumi nnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 15:1
25 Iomraidhean Croise  

Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔntwa abɔfra no twetia.


Mose maa mo twetiatwa (ɛnyɛ sɛ ɛfiri Mose, na ɛfiri agyanom) nanso homeda motwa onipa twetia.


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:


Enti ɛyɛɛ asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo mu no sɛ ɛyɛ sɛ wɔyi wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitire,


na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Ɛsiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi firi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani, aha mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti,


Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.


Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifoɔ no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den.


Na ebinom a wɔfiri Farisifoɔ fekuo mu a wɔagye adie sɔree, na wɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni Mose mmara no soɔ.


Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Na yɛate sɛ ɔkaa sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakyera amanneɛ a Mose de ama yɛn no.


Ɛnna ɛno akyiri mfeɛ dunan me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Dodoɔ a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia.


Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduane anaa anonneɛ anaa afahyɛ anaa ɔsrane foforɔ anaa home nna fam,


Monhwɛ yie na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ soɔ, na ɛnnam Kristo so, ammɛfa mo nnommum;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan