Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 14:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii n’adom asɛm no ho adanseɛ, na ɔnam wɔn nsa so maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii n’adom asɛm no ho adanseɛ, na ɔnam wɔn nsa so maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Asomafo no tenaa hɔ kyɛe. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwonwade ahorow no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Asomafoɔ no tenaa hɔ kyɛreeɛ. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛe, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii ne dom asɛm no ho adanse, na ɔnam wɔn nsa so ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 14:3
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.] Amen.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


Na afei deɛ, mede mo hyɛ Onyankopɔn nsa ne n’adom asɛm mu; ɔno na ɔbɛtumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapadeɛ wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa mu.


Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.


Aane, yɛn, yɛyɛ yeinom ho adansefoɔ, na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔtie no no yɛ.


Na m’ani nwu asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso.


Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan