Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 13:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɔno na na ɔka Amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ na ɔrepɛ Nyankopɔn asɛm atie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɔno na na ɔka Amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ na ɔrepɛ Nyankopɔn asɛm atie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔw no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na onim nyansa yiye no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ na ɔrehwehwɛ Onyankopɔn asɛm atie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔ no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na ɔnim nyansa yie no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ, na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔno na na ɔka amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ ɔpɛ Onyankopɔn asɛm atie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 13:7
11 Iomraidhean Croise  

Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefoɔ hwɛ ne nanteɛ mu yie.


Ntetekwaa adeɛ a wɔdie ne agyimisɛm, na anitefoɔ de nimdeɛ hyehyɛ wɔn ho.


Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.


Nhunumufoɔ akoma nya nimdeɛ, na anyansafoɔ aso hwehwɛ nimdeɛ akyiri kwan.


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Ɛberɛ a amrado no hunuu deɛ asie no, ɔgye diiɛ, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiri.


Na osumanni Elima no (nso sɛdeɛ ne din nkyerɛaseɛ teɛ ara ne no) sii wɔn kwan, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho.


Na Galio di Akaia amrado no, Yudafoɔ no de anokorɔ sɔre tiaa Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnnie adwa anim


Enti sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne amradofoɔ wɔ hɔ; momma wɔmmɛbɔ nkuro.


Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan