Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 13:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na wɔtwaa mu supɔ no so kɔduruu Pafo no, wɔhunuu osumanni odiyifoɔ torofoɔ bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na wɔtwaa mu supɔ no so kɔduruu Pafo no, wɔhunuu osumanni odiyifoɔ torofoɔ bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wotwaa mu wɔ supɔw no so koduu Pafo, na hɔ na wohyiaa Yudani nkonyaayifo bi a ɔfrɛ ne ho se odiyifo a na ne din de Bar-Yesu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔtwaam wɔ supɔ no so kɔduruu Pafo, na ɛhɔ na wɔhyiaa Yudani nkonyaayifoɔ bi a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ a na ne din de Bar-Yesu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na wotwaam supɔw no so koduu Pafo no, wohuu osumantuni atoro diyifo bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 13:6
24 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa.


Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.


Mma ɔbaa ntafowayifoɔ nntena ase.


Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, ɛfiri sɛ woaka AWURADE din mu atorosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛhwire ne mu.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.


Na kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne anwanwadeɛ, a ɛbɛtumi aba sɛ, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.


Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.


Na Paulo ne ne mfɛfoɔ tu firii Pafo no, wɔbaa Perge a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho firii wɔn ho sane kɔɔ Yerusalem.


Na osumanni Elima no (nso sɛdeɛ ne din nkyerɛaseɛ teɛ ara ne no) sii wɔn kwan, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho.


Na saa nnipa yi yɛ asomafoɔ atorofoɔ, adwumayɛfoɔ nnaadaafoɔ a wɔdane wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafoɔ.


Na sɛdeɛ Yane ne Yambrɛ ne Mose dii asie no, saa ara na yeinom nso ne nokorɛ no di asie. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛeɛ; wɔmfra wɔ gyidie fam.


Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase.


Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan