Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 13:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafo hyiadan mu. Saa bere no na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔduruu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Saa ɛberɛ no, na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm Yudafo hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 13:5
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔsane firii n’akyi kɔfaa anantwie mpamho no kumm wɔn, na ɔde anantwie no adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfoɔ no, na wɔdii; na ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom no.


Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ Yuda deɛ no, na ɔgyaa n’abɔfra no wɔ hɔ.


Na Yehosafat se: AWURADE diyifoɔ bi nni ha a yɛbɛkɔ ne nkyɛn akɔbisa AWURADE? Na Israel hene nkoa mu baako buaa sɛ: Ɛha na Safat ba Elisa a ɔhwiee nsuo guu Elia nsa soɔ no wɔ.


Na Mose sɔree, ɔne n’abɔfra Yosua, na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn bepɔ no so.


Na ɛnte saa mo mu; na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ,


Na ɔresusu ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fie; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ano rebɔ mpaeɛ.


Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wɔsane firii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho.


Na wɔn deɛ, wɔfirii Perge no, wɔtwaa mu baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ.


Na Barnaba kaa sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho.


Enti hyiadan mu, na ɔne Yudafoɔ ne nyamesurofoɔ no yɛɛ nhwehwɛmu dendeenden, na edwa mu nso, daa na ɔne wɔn a ɔbɛto wɔn no dii anobaebaeɛ.


Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ.


Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra.


Na basabasa hyɛɛ kuro no ma, na wɔde adwenkorɔ bɔɔ kirididi kɔɔ ahwɛeɛ kɔkyeree Makedoniafoɔ Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.


Na ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoɔduro kaa asɛm abosome mmiɛnsa, kyerɛkyerɛɛ mu yie ama wɔagye Nyankopɔn ahennie ho asɛm no adi.


Na ntɛm ara ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.


Aristarko, me yɔnko dommum ne Barnaba wɔfase Marko a monyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so).


Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na ɔyɛ ma me ɔsom mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan