Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 13:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔtuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na ɔdii no adanseɛ sɛ: Mahunu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a m’akoma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔtuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na ɔdii no adanseɛ sɛ: Mahunu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a m’akoma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Onyankopɔn tuu Saulo ade so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Onyankopɔn tuu Saulo adeɛ so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahunu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na otuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na odii no adanse sɛ: Mahu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a me koma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 13:22
32 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo.


Na m’adɔeɛ remfiri ne ho sɛdeɛ ɛfirii Saulo a metuu no w’anim no ho no.


Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Me na mefaa wo firii nnwanhwɛbea, firii nnwan akyiridie sɛ bɛyɛ me man Israel so hene.


Na ɔnantee n’agya bɔne a ɔyɛ dii n’anim nyinaa mu, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn anim sɛ n’agya Dawid akoma.


ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu.


Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.


na Boas woo Obed, na Obed woo Yisai.


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


ɛno ansa na wɔbɛbubu me ne m’akoa Dawid apam nso, na wannya ɔba a ɔbɛtena n’adwa so adi hene, ne me ne Lewifoɔ, asɔfoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no, deɛ no nso.


ɛno ansa na anka mɛpo Yakob asefoɔ ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefoɔ mu nnipa a wɔbɛsi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ soɔ. Na mede wɔn nnommum bɛsane aba, na mahu wɔn mmɔbɔ.


Na mede odwanhwɛfoɔ baako bɛsi wɔn so na wayɛne wɔn, ɔno ne m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛne wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfoɔ;


Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


Na Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no dii wɔn adanseɛ maa wɔn Honhom Kronkron sɛdeɛ ɔmaa yɛn nso no;


Ɔno na ɔnyaa Nyankopɔn anim adom, na ɔsrɛɛ sɛ wɔmma no nsi efie mma Yakob Nyankopɔn.


Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnneɛ wɔbɛsesa mo ne mo hene nyinaa akɔ.


Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom. Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apo wo afiri ahennie no so.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me ne wo rensane nkɔ, ɛfiri sɛ woapo AWURADE asɛm, na AWURADE nso apo wo sɛ nni Israel so hene.


Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Suane na AWURADE asuane Israel ahennie afiri wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Na Samuel kaa sɛ: Adɛn nti na wonim sɛ AWURADE apa w’akyire na wadane wo tamfo na wobisa me adeɛ yi?


Saa ara na Saulo ne ne mma baasa ne n’akodeɛkurani ne ne mmarima nyinaa nso wuwuu prɛko da no ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan