Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 13:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɛfiri ɔno soɔ no, wɔbisaa sɛ wɔmma wɔn ɔhene; na Onyankopɔn de Saulo, Kis ba a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu maa wɔn mfirinhyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na ɛfiri ɔno soɔ no, wɔbisaa sɛ wɔmma wɔn ɔhene; na Onyankopɔn de Saulo, Kis ba a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu maa wɔn mfirinhyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Bere a wɔpɛɛ sɛ wonya ɔhene ma odi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ofi Benyamin abusua mu no maa wɔn ma odii wɔn so mfe aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɛberɛ a wɔpɛɛ sɛ wɔnya ɔhene ma ɔdi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ɔfiri Benyamin abusua mu no maa wɔn maa ɔdii wɔn so mfeɛ aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na efi ɛno so no, wobisaa ɔhene; na Onyankopɔn de Saul, Kis ba a ofi Benyamin abusuakuw mu maa wɔn mfirihyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 13:21
8 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.


Na ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔkɔsii Saulo hene AWURADE anim wɔ Gilgal; na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim wɔ hɔ. Na Saulo ne Israel mmarima nyinaa ani gyee hɔ sɛ biribi.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo mensi wo ne man so hene: Na afei, tie AWURADE nsɛm.


bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa.


Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.


Nso na AWURADE ayi Samuel asotire da koro ansa na Saulo reba sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan