Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 12:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi kan ne wɔn a wɔtɔ so mmienu ho no, wɔduruu dadeɛ pono a ɛde kɔ kuro no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wɔfirii adi twaa mu borɔno baako so, na ntɛm ara ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi kan ne wɔn a wɔtɔ so mmienu ho no, wɔduruu dadeɛ pono a ɛde kɔ kuro no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wɔfirii adi twaa mu borɔno baako so, na ntɛm ara ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wotwaa awɛmfo a wodi kan no ne wɔn a wɔto so abien no ho beduu dade pon a ɛda kurow no ano no ho. Woduu hɔ no ɔpon no ankasa bue ma wɔfaa mu kɔe. Wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra no, ɔbɔfo no gyaw Petro hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi ɛkan no ne wɔn a wɔtɔ so mmienu no ho bɛduruu dadeɛ ɛpono a ɛda kuro no ano no ho. Wɔduruu hɔ no ɛpono no ankasa bue maa wɔfaa mu kɔeɛ. Wɔfaa borɔno bi so kɔɔ animu kakra, na afei ɔbɔfoɔ no gyaa Petro hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na wotwaa awɛmfo a wodi kan ne wɔn a wɔto so abien ho no, woduu dade pon a ɛde kɔ kurow no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wofii adi twaam borɔn biako so, na ntɛm ara na ɔbɔfo no gyaw no hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 12:10
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔde wɔn kɔguu afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin no fie, faako a Yosef da hɔ.


Na ɔde wɔn kɔguu afiase mu nnansa.


Na ɔteaa mu sɛ gyata sɛ: O AWURADE, megyina awɛneeɛ ha ara adekyeeɛ daa, na megyina m’ahwɛeɛ ara anadwo nyinaa,


na wɔbɔɔ no dua mu, ɛfiri sɛ na wɔnnya nkyerɛɛ deɛ wɔnyɛ no.


Ɛnna da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: Asomdwoeɛ nka mo!


Na ɛno akyiri nnawɔtwe, na n’asuafoɔ no wɔ ɛdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso na apono no mu atoto, na ɔbɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: Asomdwoeɛ nka mo!


na ɔkyee no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafoɔ baanan a wɔwɛn bom saa ahodoɔ nnan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyiri no, ɔyi no kɔkyerɛ ɔman no.


Na mpofirim ara asasewosoɔ kɛseɛ maa afiase no nnyinasoɔ wosoe, na amonom hɔ ara apono no nyinaa buebuee, na wɔn nyinaa ahoma sanesanee.


Na Awurade bɔfoɔ bɛhinii afiase no apono anadwo, na ɔde wɔn firi adi kaa sɛ:


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan