Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 11:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔtee saa asɛm yi no, wogyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ se, “Afei de Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufo anya adwensakra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagye mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na wɔtee nsɛm yi no, womuaa wɔn ano, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnne na Onyankopɔn ama amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 11:18
33 Iomraidhean Croise  

Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.


Na wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ, wɔbɛdi asase no so akɔsi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua duban a afefɛ, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me animuonyam.


menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.


na mɛma mo akoma foforɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ mo mu, na mɛyi ɔboɔ akoma no afiri mo honam mu, na mama mo honam akoma.


Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni soɔ, mo ne ananafoɔ a wɔabɛyɛ mo mu ahɔhoɔ a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapadeɛ so ntonto, Israel mmusuakuo no mu;


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam.


Na asomafoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufoɔ no nso agye Nyankopɔn asɛm.


Na wɔbaeɛ na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛdeɛ wabue gyidie pono ama amanaman mufoɔ no.


Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.


na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.


Enti afei yɛbɛka sɛn? Amanaman mufoɔ a wɔanti tenenee no anya tenenee, nanso ɛyɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu;


Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.


Na Nyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakyera a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu, a wɔnnu wɔn ho wɔ ho; na ewiase awerɛhoɔ deɛ, ɛma owuo.


Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.


Na Ɔsɔfoɔ Pinehas ne asafo no mmapɔmma ne Israel mpempem atitire a wɔka ne ho no tee nsɛm a Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ no kaeɛ no, na ɛsɔɔ wɔn ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan