Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Obisae se, “Ɛyɛ dɛn Awurade?” Ɔbɔfo no buae se, “Wo mpae ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Ɔbisaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn Awurade?” Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Wo mpaeɛ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:4
24 Iomraidhean Croise  

Ɛberɛ no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ; na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔbuaa no, na ɔmaa no nsɛnkyerɛnneɛ bi.


ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ no sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahunu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ wo din na wɔde frɛ efie a masie yi.


Ma me mpaebɔ mmɛsi w’anim sɛ ohwam, me nsa soma sɛ anwummerɛ ayɛyɛdeɛ.


Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.


Kae me ɛ, na yɛmmɛbu atɛn; ka wo deɛ, na woadi bem.


Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mekasaeɛ, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ: Monhwehwɛ me basabasa yɛ mu! Mene AWURADE a mekasa nokorɛ mu, meka deɛ ɛtenee.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ woɔ yi, na gyina wo nan so, ɛfiri sɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopoɔ megyinaa hɔ.


Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ. Ɛyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Ɛnna wɔn a wɔsuro AWURADE no kasakasaa wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔtwerɛɛ n’anim nkaeɛ nwoma maa wɔn a wɔsuro AWURADE na wɔbu ne din no.


Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ nso de ayɛ no nkaeɛ.


Na n’akoma tuu n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyea bɛn ni?


Na ehu kaa wɔn maa wɔsisii wɔn tiri ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefoɔ awufoɔ mu yi?


na ɔse: Kornelio, wɔate wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborɔhunu adeɛ no Nyankopɔn anim.


Oyi tee sɛ Paulo rekasa; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hunuu sɛ ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛnya ayaresa,


Na mekaa sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo adeɛ a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm.


Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kaa sɛ: Hwɛ yɛn!


Na manya ne nyinaa ama no aboro so. Na ɛfiri sɛ me nsa kaa deɛ mode manee Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ehwa a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wɔgye a ɛsɔ Nyankopɔn ani.


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Na yieyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa soɔ, ɛfiri sɛ saa afɔrebɔ no sɔ Nyankopɔn ani.


Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.


Na nnuhwam no wisie kaa ahotefoɔ mpaebɔ ho firi ɔbɔfoɔ no nsam foro kɔɔ Nyankopɔn anim.


Na AWURADE ba bɛgyinaa hɔ frɛɛ sɛ kane no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan