Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Na Petro buee n’ano kaa sɛ: Nokorɛ mu na mahunu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Na Petro buee n’ano kaa sɛ: Nokorɛ mu na mahunu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Petro fii ase kasae se, “Afei mahu sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyimu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Petro firii aseɛ kasaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ, ɛyɛ nokorɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ nyiyimu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Na Petro buee n’ano kae sɛ: Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:34
23 Iomraidhean Croise  

Na afei AWURADE ho suro ntena mo so. Monhwɛ yie na monyɛ, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne kɛtɛ-asehyɛ nni ne fam.


Deɛ ɔnhwɛ atitire anim, na ɔmmu ɔdehyeɛ nsene mmɔborɔni; ɛfiri sɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.


Na wɔsomaa wɔn asuafoɔ kaa Herodefoɔ no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wokyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.


Na ɔbuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:


Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wokasa na wokyerɛkyerɛ yie nanso womfɛre obiara anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu.


Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa.


na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.


Na Filipo buee n’ano, na ɔgyinaa twerɛsɛm no ara so kaa Yesu ho asɛmpa no kyerɛɛ no.


Na nnipa mu nyiyimu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.


Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara dea anaa? Ɔnyɛ amanaman mufoɔ no nso dea bi anaa? Ampa, ɔyɛ amanaman mufoɔ dea nso.


Na wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔwɔ din no, (deɛ wɔteɛ biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me deɛ, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho,


Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateatea ase, ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ soro, na nnipa animhwɛ biara nni ne fam.


Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu, montie aketewa sɛ ɔkɛseɛ; monnsuro onipa anim, ɛfiri sɛ atemmuo yɛ Nyankopɔn dea. Na asɛm a ɛyɛ den sene mo na momfa mmrɛ me, na mentie.


Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn, ne Awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛseɛ no, Otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na ɔnnye adanmudeɛ;


Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛntene no bɛnya deɛ ɛntene a ɔyɛeɛ no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.


Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra.


ɛno ɛnyɛ paeɛ na mopaepae mo mu, na moayɛ adwemmɔne atemmufoɔ?


Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne, na mmara no yi mo atɛn sɛ mmaratofoɔ.


Na sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tenabea yi mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan