Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa fie yɛɛ wɔn hɔhoɔ. Na adeɛ kyeeɛ no, Petro ne wɔn firi kɔe, na anuanom a wɔwɔ Yopa no mu bi ne no kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa fie yɛɛ wɔn hɔhoɔ. Na adeɛ kyeeɛ no, Petro ne wɔn firi kɔe, na anuanom a wɔwɔ Yopa no mu bi ne no kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Petro gyee nnipa no, som wɔn hɔho. Ade kyee no, Petro ne nnipa no ne agyidifo bi a wofi Yopa bɔɔ anan kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Petro gyee nnipa no, somm wɔn hɔhoɔ. Adeɛ kyeeɛ no, Petro ne nnipa no ne agyidifoɔ bi a wɔfiri Yopa bɔɔ anan kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa ofie yɛɛ wɔn hɔho. Na ade kyee no, Petro ne wɔn fi kɔe, na anuanom a wɔwɔ Yopa no mu bi ne no kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:23
16 Iomraidhean Croise  

Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:


Enti nso na mosoma maa wɔbɛhyiaa me no, manyi ano na maba yi. Afei merebisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me.


Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa.


Na agyidifoɔ a wɔfiri twetiatwafoɔ mu a wɔne Petro baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛdeɛ no agu amanaman mufoɔ nso soɔ;


Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na mennye hwee ho akyinnyeɛ. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fie.


Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no firi bɛhyiaa yɛn Apia dwa mu ne akuraa bi a ɛde Nsadan-Mmiɛnsa, na Paulo hunuu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam.


Nso na osuani baa bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka. Ɔbaa yi na nnwuma pa ne mmɔborɔhunu adeɛ a ɔyɛeɛ no ayɛ no ma.


Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.


Na wɔtee no wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.


na yɛdwene deɛ ɛfata, ɛnyɛ Awurade anim nko, na mmom nnipa anim nso.


Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.


Monnyegye mo ho ahɔhoɔ a anwiinwii biara nni mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan