Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nnipa no buaa no se, “Yefi asraafo panyin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni ne Onyamesuroni a Yudafo nyinaa bu no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no se ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fi na ontie asɛm bi mfi wo nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛfiri asraafoɔ panin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔteneneeni ne Onyamesuroni a Yudafoɔ nyinaa bu no. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fie na ɔntie asɛm bi mfiri wo nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na wobuae sɛ: Asraafo ha so panyin Kornelio, onipa trenee a osuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafo man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfo kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fi, na ontie w’anom nsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:22
36 Iomraidhean Croise  

Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Hwɛ, ɔbɔnefoɔ kra huhuru, ɛntene wɔ ne mu, na ɔteneneeni deɛ, ɔnam ne nokorɛdie so na ɔbɛtena ase.


Na ne kunu Yosef yɛ onipa tenenee, na ɔmpɛ sɛ ɔgu n’anim ase dwam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛgyaa no kokoam.


Na wɔyi kyerɛɛ wɔn daeɛ mu sɛ wɔnnsane nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforɔ bi so sane kɔɔ wɔn kurom.


Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.


Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ onipa pa na ɔtene


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔno ne n’agya ne n’abɔfoɔ kronkron animuonyam bɛba no.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye obi a mesomaa no no, ɔgye me; na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Na ɛnyɛ yeinom nkutoo nti na mesrɛ, na mmom wɔn a wɔnam wɔn asɛm so bɛgye me adie nso nti,


ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.


Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;


Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa.


Na Petro siane kɔɔ nnipa a Kornelio somaa wɔn baa ne nkyɛn no nkyɛn kaa sɛ: Hwɛ, mene deɛ morehwehwɛ no no; ɛdeɛn nti na mobaeɛ?


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim,


Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa.


Ɔte Simon, nwomahyɛni bi a ne fie wɔ mpoano no nkyɛn.


Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fie nyinaa nam so bɛnya nkwagyeɛ akyerɛ woɔ.


Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni, sɛdeɛ mmara no teɛ, a Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa


Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.


Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;


Ɛfiri sɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa.


Na yei nyinaa firi Onyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadie ama yɛn no;


Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?


Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete ho no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afidie mu.


Na deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.


Na yei mu na tetefoɔ no nyaa adanseɛ pa.


ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom,


sɛ monkae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafoɔ ahyɛdeɛ a ɛyɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa deɛ no.


Demetrio deɛ, wɔn nyinaa di ne ho adanseɛ wɔ nokorɛ mu, na yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ, na monim sɛ yɛn adanseɛ yɛ nokorɛ.


ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan