Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɛnne no sane baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na ɛnne no sane baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nne no ka kyerɛɛ no bio se, “Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nne no ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na ɛnne no san baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:15
17 Iomraidhean Croise  

Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.


Ɛfiri sɛ ɛnkɔ n’akomam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na mmom ɔyi gu yaane mu. (Ɔkaa yei de tee aduane nyinaa ho).


Na yei yɛɛ mprɛnsa, na wɔfaa adeɛ no kɔɔ soro bio.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim sɛdeɛ Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho, anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me deɛ, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa biara sɛ ɔmfra, anaasɛ ne ho nte.


Na ɛnne no firi soro buaa me ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ.


na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho.


sɛ monyi mo ho mfiri nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne adwamammɔ mu; ɛno na sɛ moyi mo ho firi ho a, ɛyɛ. Ɛnsi mo yie!


na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.


Menim, na megye medi Awurade Yesu mu sɛ, biribiara ankasa nyɛ fi; na deɛ ɔbu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no.


Aduane nti nsɛe Nyankopɔn adwuma! Nnoɔma nyinaa ho te deɛ, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa, sɛ ɔdi deɛ ɛto suntidua.


Deɛ wɔtɔn no namdwa ase nyinaa, monni, na ahonim nti mommmisabisa ho asɛm!


Adeɛ nyinaa ho te ma wɔn a wɔn ho teɛ; na wɔn a wɔn ho aba fi na wɔnnye nnie no deɛ, hwee ho nte mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi.


Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan