Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Petro se: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a wɔkyire anaasɛ ɛho nteɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na Petro se: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a wɔkyire anaasɛ ɛho nteɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Petro buae se, “Dabi da, Awurade, minnii biribiara a ɛho ntew da.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Petro buaa sɛ, “Dabi, Awurade, mennii biribiara a ɛho nteɛ da.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na Petro se: Dabida, Awurade, efisɛ minnii biribi a wokyi anaasɛ ɛho ntew da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:14
19 Iomraidhean Croise  

Na Lot ka kyerɛɛ no sɛ: O, me wura, nnyɛ saa.


Dabi da! Mo mmarima na monkɔ nkɔsom AWURADE, na ɛno ara na mohwehwɛ. Na wɔpamm wɔn firii Farao anim.


Ɛnna mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii, na adeɛ a atɔ anaasɛ wɔtete mu nso, mennii bi da, de firi me mmɔfraase bɛduru sɛsɛɛ, nanso ɛnam a wɔkyire bi nkaa m’ano da.


Abɔfono biara ne deɛ wɔatete ne mu, nnomaa ne mmoa mu no, asɔfoɔ nnni.


Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.


Na mompae asase so mmoa a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ mu, ne nnomaa a wɔn ho nteɛ ne wɔn a wɔn ho teɛ mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne adeɛ biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho nteɛ no angu mo kra ho fi.


Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.


Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da!


Na mmadwemma no buaa sɛ: Dabi, ɛrenso yɛn ne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn mmom nkyɛn nkɔtɔ mo deɛ!


Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.


Na wɔhunuu n’asuafoɔ bi sɛ wɔde nsa a ɛho nteɛ, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohorɔ, redidi.


nanso ne na kaa sɛ: Dabi, wɔmfrɛ no Yohane.


Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire?


Na ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Petro, sɔre kum di!


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim sɛdeɛ Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho, anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me deɛ, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa biara sɛ ɔmfra, anaasɛ ne ho nte.


Na mebuaa sɛ: Ɛyɛ wo hwan a, Awura? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ me Yesu Nasareni a wotaa no no.


Ɛnna ɔse: Ɛyɛ wo hwan a, Awurade? Na ɔse: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan