Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔhunuu soro sɛ abue, na adeɛ bi a ɛte sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan resiane aba ne soɔ, na wɔregyaa mu ato fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔhunuu soro sɛ abue, na adeɛ bi a ɛte sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan resiane aba ne soɔ, na wɔregyaa mu ato fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ohuu sɛ ɔsoro abue na biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere fi ɔsoro afanan resian ba fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan firi ɔsoro resiane ba fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 na ohuu ɔsoro sɛ abue, na ade bi a ɛte sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan resian aba no so, na wɔregyaa mu ato fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:11
28 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora! Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra, ne me mmammaa firi asase ano,


AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel adamfikyi ano no asɛm nie: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae wɔn a wɔaboa wɔn ano no so.


Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.


Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu;


Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ


Na Yesu see no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.


na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Nyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abɔ mu ayɛ wɔn baako.


Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.


Emu na asase so ntɔteboa ne wɔn a wɔwea ne wiem ntakraboa nyinaa bi wɔ.


Mewɔ Yopa kuro mu merebɔ mpaeɛ, na m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na anisoadehunu mu no, mehunuu biribi a ɛresiane sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan, na wɔgyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn.


na ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Nyankopɔn nifa.


Na m’ani nwu asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso.


na wɔyɛ Israelfoɔ a abayɛ ne animuonyam, ne apam ahodoɔ ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ ahodoɔ no yɛ wɔn dea;


Yɛn deɛ, yɛfiri yɛn awosuo mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfoɔ.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


Ɔde kyerɛɛ sɛ ɛberɛ awie duro sɛ wɔbɛka nnoɔma nyinaa abɔ mu bio Kristo mu, mekyerɛ deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase so nyinaa.


sɛ amanaman mufoɔ nso bɛyɛ adedifoɔ ne nipadua korɔ no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa wɔ ne bɔhyɛ no ho bi wɔ Kristo Yesu mu.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.


Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.


Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan