Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɛkɔm de no sɛ, na ɔpɛɛ sɛ ɔde biribi ka n’ano; na wɔresiesie aduane no, n’ani wiaa no maa ɔkɔɔ tebea foforɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na ɛkɔm de no sɛ, na ɔpɛɛ sɛ ɔde biribi ka n’ano; na wɔresiesie aduane no, n’ani wiaa no maa ɔkɔɔ tebea foforɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa bere no, na ɔkɔm de no a wogu so reyɛ aduan ama no na ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ɛberɛ no, ɛkɔm dee no; na wɔgu so reyɛ aduane ama no no, ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeɛso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔkɔm de no sɛ, na ɔpɛe sɛ ɔde biribi ka n’ano; na wɔresiesie aduan no, n'ani wiaa no ma ɔkɔɔ tebea foforo mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:10
13 Iomraidhean Croise  

Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfoɔ no nkyɛn, anisoadehunu mu, Nyankopɔn honhom mu. Na adeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.


Nyankopɔn anisoadehunu mu na ɔde me baa Israel asase soɔ, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kuro bi a wɔakyekyere no anafoɔ fam.


deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm a ɔhunu ɔsorosoroni no ho nimdeɛ no, deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no:


deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi, deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ, na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no:


Na anɔpa a Yesu resane aba kuro no mu no, na ɛkɔm de no.


Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no.


Mewɔ Yopa kuro mu merebɔ mpaeɛ, na m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na anisoadehunu mu no, mehunuu biribi a ɛresiane sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan, na wɔgyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn.


Na ɛbaa sɛ mesane baa Yerusalem na merebɔ mpaeɛ asɔrefie no, m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu,


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan