Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔkaa yeinom wieeɛ na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na mununkum gyee no firii wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔkaa yeinom wieeɛ na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na mununkum gyee no firii wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔkasa wiee no asuafo no huu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhu no bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔkaa eyinom wiei na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 1:9
17 Iomraidhean Croise  

Woaforo kɔ soro, woafa nnommumfoɔ nnommum, woagye nnipa mu ayɛyɛdeɛ, mansotwefoɔ mu mpo, na AWURADE Nyankopɔn atena hɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me deɛ, mereba wo nkyɛn mununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akɔsi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.


Na AWURADE nam mununkum mu sianee, na ɔne no bɛgyinaa hɔ, na ɔpaee n’ankasa ne din YHWH (AWURADE) din.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.


Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn, na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim.


Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.


Ɛnna wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ reba mununkum mu.


Na afei, sɛ mohunu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ soro, faako a ɔwɔ kane no nso ɛ?


na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mogyina ha rehwɛ soro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ soro yi, ɔbɛba saa ara, sɛdeɛ mohu no sɛ ɔrekɔ soro yi.


de bɛsii da a ɔnam Honhom Kronkron soɔ maa asomafoɔ a ɔyii wɔn no ahyɛdeɛ, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho.


ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete aseɛ na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yɛnkɔhyia Awurade ewiem, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Na wɔtee nne kɛseɛ bi firi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa mununkum no mu, na wɔn atamfoɔ no hunuu wɔn.


Yeinom ne wɔn a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu, wɔn na wɔdi Adwammaa no akyire baabiara a ɔkorɔ. Yeinom na wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu ayɛ wɔn aba a ɔdi kan ama Onyankopɔn ne Adwammaa no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan