Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 sɛ Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, nna yi mu, ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 sɛ Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, nna yi mu, ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛ, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yohane de, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛre, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 1:5
16 Iomraidhean Croise  

Na ɛda no, mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ asene nufosuo, na nsuo asene Yuda mmonhwa nyinaa mu; na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.


Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.


Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.


Yohane kasa kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me deɛ, mede nsuo na mebɔ mo asu; na deɛ ne ho yɛ den sene me reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.


Yohane buaa wɔn sɛ: Me deɛ, mebɔ asu nsuo mu, na obi a monni no gyina mo mfimfini.


Na me deɛ, anka mennim no; na sɛ wɔbɛyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsuo mu.


Na me deɛ, anka mennim no, na deɛ ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no, ɔno na ɔsee me sɛ: Deɛ wobɛhunu sɛ Honhom no resiane abɛtena ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu.


Na agyidifoɔ a wɔfiri twetiatwafoɔ mu a wɔne Petro baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛdeɛ no agu amanaman mufoɔ nso soɔ;


Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakyera asu mmom, ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, wɔnnye deɛ ɔdi n’akyiri reba a ɔne Yesu no nni.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom baako mu maa yɛbɛyɛɛ nipadua baako, na wɔmaa yɛn nyinaa nomm honhom baako.


ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan