Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ɔse: Mote firii m’anomu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ɔse: Mote firii m’anomu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Da bi a ɔne wɔn redidi no ɔhyɛɛ wɔn se, “Mummfi Yerusalem, na montwɛn akyɛde a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛda bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔne wɔn hyiae no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wommfi Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ose: Mote fii m’anom no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 1:4
14 Iomraidhean Croise  

na sɛ nnanu, sɛ bosome, sɛ nna bebree, na mununkum no di tenabea no so a na ɛsi so ara a, Israelfoɔ no tena nsram na wɔntu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wɔtuo.


Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom mo Agya Honhom no na ɔkasa mo mu.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ mode nnepa ma mo mma a, mprɛ ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wɔbisa no?


ɛfiri sɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.


Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no aba mo so; enti montena kuro no mu nkɔsi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afiri soro.


Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa,


Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;


Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ: Monnye Honhom Kronkron!


Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dada no, ɛne yɛn a ne sɔreɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no akyiri no, yɛne no didiiɛ na yɛnomeeɛ;


Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan