Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 9:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn ani sa bɔne ahennie no, na mɛsɛe no afiri asase ani, nanso sɛeɛ no meremfa mensɛe Yakob fie no koraa, AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn ani sa bɔne ahennie no, na mɛsɛe no afiri asase ani, nanso sɛeɛ no meremfa mensɛe Yakob fie no koraa, AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Ampa ara Otumfo Awurade ani wɔ nnebɔne ahenni no so. Mɛpepa no afi asase ani, nanso merensɛe Yakobfi korakora,” sɛnea Awurade se ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani wɔ nnebɔne ahennie no so. Mɛpepa no afiri asase ani, nanso, merensɛe Yakob efie korakora,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn aniwa sa bɔne ahenni no, na mɛsɛe no afi asase ani, nanso ɔsɛe no meremfa mensɛe Yakob fi no koraa, AWURADE asɛm ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 9:8
27 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kaa sɛ: Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase ani, ampa ara, ɛfiri onipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so, ɛfiri sɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.


Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani.


Na asɛm yi danee Yeroboam fie bɔne a enti wɔdwerɛɛ wɔn na wɔsɛee wɔn firii asase ani.


AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.


Na onipa akwan da AWURADE anim na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.


Na medi w’akyiri sɛ mɛgye wo nkwa, AWURADE asɛm nie; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo deɛ, meremma wonwie sa, na mɛtwe w’aso atenetene so, na bem deɛ meremma wonni.


Hwɛ, mewɔ wɔn ho ani, bɔne ho, na ɛnyɛ papa ho, na Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim asase soɔ no nyinaa bɛdwerɛ afena ne ɛkɔm ano akɔsi sɛ wɔbɛwie sa.


Wo, m’akoa Yakob, nsuro, AWURADE asɛm nie, na medi w’akyi, na mɛma amanaman a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie saa, na wo deɛ, merenwie wo. Na mɛtea wo sɛdeɛ ɛfata, na bem deɛ, meremma wonni.


Momforo n’afasuo na monsɛe ne nyinaa, nanso monnsɛe no nnwie mompempane ne mman, na wɔnyɛ AWURADE dea.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa.


Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama, na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim nnyawa mmienu anaa asokoraa firi gyata anomu no, saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ a wɔtete Samaria, te sɛ nnaeɛ ntweaso sini anaa mpa so ntoma sini bi.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Wo yere bɛdane odwamamfoɔ, kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano, na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu, na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.


Afena ano na me man mu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛwuwuo, wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no.


na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfoɔ anim a, ɛhɔ na mɛhyɛ afena na akunkum wɔn, na mede m’ani bɛhwɛ wɔn mama bɔne na ɛnyɛ papa.


na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ, ɔrempa mo na ɔrensɛe mo, na ne werɛ remfiri mo nananom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no.


na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufoɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuo annɛre antia wo, na wansɛe wo amfiri asase ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan