Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 9:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Monyɛ me sɛ Etiopiafoɔ, mo Israel mma anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ Israel na meyii no firii Misraim asase soɔ, na Filistifoɔ nso firi Kaftor, na Siriafoɔ nso firi Kir?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Monyɛ me sɛ Etiopiafoɔ, mo Israel mma anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ Israel na meyii no firii Misraim asase soɔ, na Filistifoɔ nso firi Kaftor, na Siriafoɔ nso firi Kir?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Mo Israelfo, mo ho hia me sen Etiopiafo?” Sɛnea Awurade se ni. Manyi Israelfo amfi Misraim, ne Filistifo amfi Kaftor, ne Aramfo nso amfi Kir ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Mo Israelfoɔ, mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim, ne Filistifoɔ amfiri Kreta, ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 So monyɛ me sɛ Etiopiafo, mo Israel mma anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ Israel na miyii no fii Misraim asase so, na Filistifo nso fi Kaftor, na Siriafo nso fi Kir?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 9:7
14 Iomraidhean Croise  

Na Asiriahene tiee no, na Asiriahene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na ɔtuu wɔn kɔduaa Kir, na ɔkum Resin.


Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafoɔ no guiɛ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafoɔ no dwanee.


Na Etiopiani Sera de dɔm a ano si apem ahodoɔ apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na ɔbɛduruu Maresa.


Na da no ara AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so, sɛdeɛ wɔn asafo teɛ.


saa ara nso na Asiriahene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia atukɔfoɔ, mmeranteɛ ne mpanin akorɔ na wɔanante adagya ne nnammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.


Na Elam asɔ agyan kotokuo mu de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔsotefoɔ reba, na Kir nso ayi kyɛm adi;


Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.


Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan? Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwa mo.


ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifoɔ nyinaa atwitwa Tiro ne Sidon aboafoɔ a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ, Kaftor supɔ mu nkaeɛ no.


Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae, na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn.


Na mɛbubu Damasko pono akyiri adaban, na matwa wɔn a wɔte Awen bonhwa mu afiri hɔ, ne ɔhempomakurani no afiri Bet-eden; na wɔbɛtu Siria man akɔ Kir, AWURADE na ɔseɛ.


Na me nso meyii mo firii Misraim asase so na mede mo nantee ɛserɛ so mfirinhyia aduanan, sɛ mommɛfa Amorini asase nni.


Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa kɔduruu Gasa no, Kaftorim a wɔfiri Kaftor baeɛ no, wɔbɛsɛee wɔn tenaa wɔn ananmu.)


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan