Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 9:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE, asafo AWURADE ne deɛ ɔka asase ma no nane na ɛsofoɔ nyinaa di abooboo, na ne mu no nyinaa puhu sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE, asafo AWURADE ne deɛ ɔka asase ma no nane na ɛsofoɔ nyinaa di abooboo, na ne mu no nyinaa puhu sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnan, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa ma ne ho so te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE, asafo AWURADE, ne nea ɔka asase ma ɛnan na ɛsofo nyinaa di nkɔmmɔ, na ne mu no nyinaa yiri sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asu Nil.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 9:5
17 Iomraidhean Croise  

Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, ɔka mmepɔ na ɛfiri wisie.


AWURADE, kuntunu wo soro, na si fam, keka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.


Yei nti teeni biara mmɔ wo mpaeɛ da a ɔbɛhu woɔ no. Ampa ara, sɛ asu kɛseɛ yiri a, ɛremfa ɔyaa korɔ.


Amanaman yɛ hoo, ahennie wosowoso, ɔma ne nne so ma asase nane.


Mmepɔ nane sɛ akraa AWURADE anim, asase nyinaa AWURADE anim.


O, sɛ wosunsuane ɔsoro mu siane na mmepɔ woso w’anim ɛ!


Ɛnkɔsi da bɛn na asase no nni abooboo, na afuom ahahan ntwintwam? Ɛsofoɔ bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, ɛfiri sɛ wɔka sɛ: Ɔrenhunu yɛn awieeɛ.


Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.


Yei nti asase renwoso na ɛsofoɔ nyinaa renni abooboo anaa? Na asase mu nyinaa bɛpuhu sɛ Asubɔnten Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asuo no.


mmepɔ woso n’anim, na nkokoɔ hono; asase woso n’anim, aane wiase ne wɔn a ɛte mu nyinaa mpo.


Hwan na ɔbɛgyina n’abohuro anim, na hwan na ɔbɛsɔre atia n’abufuo no? N’anibereɛ hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim.


Mmepɔ hu wo a wɔhinhim; nsuo a ɛtue reba; ebunu donkodonko ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro;


Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan