Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 9:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na sɛ wɔde wɔn ho kɔsie Karmel atifi a, mɛtwee wɔn makɔfa wɔn afiri hɔ. Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhunta ɛpo ase a, ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na sɛ wɔde wɔn ho kɔsie Karmel atifi a, mɛtwee wɔn makɔfa wɔn afiri hɔ. Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhunta ɛpo ase a, ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mpo sɛ wɔkɔtetɛw bepɔw Karmel atifi a, hɔ na metiw wɔn akɔkyere wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ po ase a, hɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a, ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na sɛ wokohintaw Karmel atifi koraa mpo a, mɛtwe wɔn makɔfa wɔn mafi hɔ; na sɛ wofi m’anim kohintaw ɛpo ase mpo a, ɛhɔ na mɛhyɛ po mu wɔ na wakeka wɔn;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 9:3
10 Iomraidhean Croise  

Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Na Adam ne ne yere kɔhunta firii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.


Ananafoɔ bo tui, na wɔde ahopopoɔ firi wɔn aban mu bae.


Na woka sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum kabii akyiri nohoa na ɔbɛbu atɛn?


Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ, na amumuyɛfoɔ de wɔn ho ahunta hɔ.


na wode wo nan akeka mogya mu, na w’akraman tɛkyerɛma anya atamfoɔ no ho biribi atafere.


Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no.


Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.


Na ɔse: AWURADE firi Sion bobom, na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so; na nnwanhwɛfoɔ adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akusa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan