Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 9:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a, me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a, me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mpo sɛ wotu fam kɔ ɔda mu a, hɔ na me nsa bɛtwe wɔn afi aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, hɔ na meyi wɔn afi aba fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ wofunu kɔ asaman a, me nsa bɛfa wɔn afi hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn mefi hɔ masian;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 9:2
15 Iomraidhean Croise  

Sɛ ne kɛseyɛ korɔn kɔpem ɔsoro, na ne tiri kɔka mununkum a,


Na woka sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum kabii akyiri nohoa na ɔbɛbu atɛn?


Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.


Asamando da adagya n’anim, na nkatasoɔ biara nni hɔ mma Ɔsɛeɛ Amena.


Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ, na amumuyɛfoɔ de wɔn ho ahunta hɔ.


Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro ne fam amena mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.


W’ahodwire ne w’akoma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuro mu, wo a wote nkokoɔ a ɛkorɔn soɔ; sɛ woyɛ wo buo sorosoro sɛ ɔkɔdeɛ mpo a, ɛhɔ ara na mɛyi wo afiri asi fam, AWURADE asɛm nie.


Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro mpo, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den sɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefoɔ bɛfiri aba ne soɔ, AWURADE asɛm nie.


mede wo bɛsiane aka wɔn a ɛfiri tete nteredee wɔasiane kɔ Amena mu no ho, akɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn, na mama woatena famfam asase so, deɛ ɛhɔ yɛ amamfo firi tete nteredee no, wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no nkyɛn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrentena wo mu bio, na mɛyɛ animuonyanneɛ ateasefoɔ asase so.


Ɛyɛɛ saa na nsuo ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum mu, na wɔn atumfoɔ amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa. Ɛfiri sɛ, na wɔde wɔn nyinaa ama owuo, akɔ asase ase tɔnn, nnipa mma mu, akɔ wɔn a wɔsiane kɔ Asamando no nkyɛn.


Sɛ wotu kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ, na sɛ wode wo pirebuo si nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛduru abɛfa wo afiri, AWURADE asɛm nie.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mehunuu Satan sɛ ɔfiri soro hwee ase sɛ anyinam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan