Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 9:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Afena ano na me man mu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛwuwuo, wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Afena ano na me man mu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛwuwuo, wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ me nkurɔfo mu nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, wɔn a wɔka se, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔka sɛ, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Afoa ano na me man mu nnebɔneyɛfo nyinaa bewuwu, wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 9:10
24 Iomraidhean Croise  

Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.


Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ, wɔn a wɔdɛnso amanaman mu adikanfoɔ mu, wɔn a Israel fie kɔ wɔn nkyɛn no.


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


wɔn a wɔka sɛ: Ma no nyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yɛnhunu! Na ma Israel Kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra ma yɛnhunu!


Sɛ nneyɛɛ bɔne ho afobusɛm mma mu ntɛmntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔ ayɛ wɔn akoma ma.


Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.


Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Ka na wɔka kyerɛ wɔn a wɔpo me no sɛ: AWURADE se: Asomdwoeɛ bɛba ama mo. Na obiara nante n’akoma denyɛ mu a, wɔse: Bɔne biara remma mo so.


Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn ani sa bɔne ahennie no, na mɛsɛe no afiri asase ani, nanso sɛeɛ no meremfa mensɛe Yakob fie no koraa, AWURADE asɛm nie.


Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ me nkoa adiyifoɔ no no, anto mo agyanom anaa? Na wɔsanee na wɔkaa sɛ: Sɛdeɛ asafo AWURADE dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, saa na ɔne yɛn adi no.


sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefoɔ aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, ɔbɛhunu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ waka atuateɛ atia AWURADE.


Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan