Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 9:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Mehunuu AWURADE sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ: Bɔ atifi pɔ no ma aponnwa nwoso, na dwiri gu wɔn nyinaa atifi! Na akyirikafoɔ no, mede afena bɛkunkum wɔn; odwanefoɔ rennwane mma wɔn, na mfirimufoɔ remfiri mu mfi mma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mehunuu AWURADE sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ: Bɔ atifi pɔ no ma aponnwa nwoso, na dwiri gu wɔn nyinaa atifi! Na akyirikafoɔ no, mede afena bɛkunkum wɔn; odwanefoɔ rennwane mma wɔn, na mfirimufoɔ remfiri mu mfi mma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mihuu Awurade sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae se, “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi na mma ne fapem no nwosow. Munnwiriw ngu nnipa no nyinaa so; wɔn a aka no mede afoa bekunkum wɔn. Ɔbaako mpo rentumi nguan, obiara rennya ne ho sɔnn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mehunuu Awurade sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ, “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi na mma ne fapem no nwoso. Mommubu ngu nnipa no nyinaa so; wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn. Ɔbaako mpo rentumi nnwane obiara remfiri mu mfi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Mihuu AWURADE sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae sɛ: Bɔ atifi pɔw no ma apongua nwosow, na buruw gu wɔn nyinaa atifi! Na akyirikafo no, mede afoa mekunkum wɔn; oguanfo renguan mma wɔn, na mfimufo remfi mu mma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 9:1
28 Iomraidhean Croise  

Na Mikaia se: Enti montie AWURADE asɛm. Mehunuu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.


Ampa ara, Onyankopɔn bɛpiepie n’atamfo ti, ɔbɛpie deɛ wasi atimum na ɔkyea n’afodie mu no ti.


Na AWURADE aka sɛ: Mɛfa wɔn mafiri Basan maba bio, mede wɔn bɛsane afiri po bunu mu aba,


na mokaa sɛ: Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena adwane. Enti dwane na mobɛdwane! Na mmoa ahoɔharefoɔ so na yɛbɛtena akorɔ. Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare!


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfiri mu reba wɔn so, na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.


ɛnneɛ ɛbɛba sɛ, afena a mosuro no ara bɛto mo wɔ hɔ, Misraim asase no so, na ɛkɔm a mo akoma tu ho no, bɛdi mo akyi Misraim hɔ, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo.


Deɛ ɔdwane firi ehu ano no kɔ eku mu, na deɛ waforo afiri eku mu no, wɔde fidie yi no, na mede Moab asotwe afe bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie.


Sɛdeɛ nyankontɔn a ɛwɔ mununkum mu osutɔ da teɛ no, saa ara na hyerɛn a ɛtwa ho hyia no teɛ. Ɛno ne AWURADE animuonyam hwɛbea no tebea. Na mehunuiɛ no, mehwee ase de m’anim butuu fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


Ɛnna AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii Kerub no so kɔɔ ɛdan no aponnwa atifi, na mununkum no hyɛɛ ɛdan no ma, na AWURADE animuonyam hyerɛn hyɛɛ abannwa no so ma.


na mɛyi m’ani masa wɔn; wɔfiri ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhye wɔn, na moahunu sɛ mene AWURADE, m’ani a meyi mesa wɔn no mu.


Na hwɛ, mmarima baasia firi atifi ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, wɔn kɔdiawuo nnadeɛ kurakura wɔn nsam, na ɔbarima baako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene, na wɔbaa mu bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.


Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no, mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso, na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn, na agu fam.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Wo yere bɛdane odwamamfoɔ, kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano, na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu, na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.


Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdanedane amamfo, na Israel kronkrommea no ayɛ agoago, na mede afena bɛsɔre atia Yeroboam fie.


Wofirii adi sɛ worebɛgye wo man, worebɛgye deɛ wɔasra no no; wobobɔɔ ɔbɔnefoɔ ti, womaa ne ho daa hɔ firi n’atifi de kɔsii ne nan ase. Sela


Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee.


na mmoakuo abutubutu mu, mmoadoma nyinaa; nantwinoma ne apɛsɛ nso bɛtena n’adum no so; wɔte nnomaa su mpomma mu, ewira dodoɔ gugu aponnwa ase, na wama ne ntweneduro no ho ada hɔ.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Na Yohane dii adanseɛ sɛ: Mehunuu Honhom no sɛ ɔfiri soro resiane sɛ aburuburo, na ɔbɛtenaa ne so.


Na awigyina, ɔhene, ɛkwan so no, mehunuu hann bi a ɛkyɛne owia hran sɛ ɛfiri soro abɛtwa me ne wɔn a wɔne me nam no ho ahyia.


Na Yosua kaa sɛ: Monkɔmuni aboɔ akɛseɛ nhini ɔbodan no ano, na momfa mmarima nnyina ho mma wɔnwɛn wɔn.


Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ,


Na ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia no ho, ɔkura sika hwam kuruwa, na wɔmaa no nnuhwam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefoɔ nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔrebukyia a ɛsi ahennwa no anim no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan