Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 8:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfiri wɔn nneyɛɛ nyinaa da biara da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfiri wɔn nneyɛɛ nyinaa da biara da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam se: “Me werɛ remfi biribiara a wɔayɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: “Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfi wɔn nneyɛe nyinaa da biara da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 8:7
19 Iomraidhean Croise  

Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.


Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.


Ɔyi yɛn apɛgyadeɛ ma yɛn, Yakob a ɔdɔ no no animuonyam.


Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.


Momfa tumi mma Onyankopɔn, n’animuonyam kata Israel so, na ne tumi wɔ wiem tɔnn.


na ɔkaa sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bɛdi ako firi awoɔ ntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.


Na asafo AWURADE ayi me asotire sɛ: Wɔremfa amumuyɛ yi nkyɛ mo kɔsi berɛ a mobɛwuwuo! Asafo AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.


Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua ne hyerɛmmoɔ ano na atwerɛ, wɔakurukyire no wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so,


Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.


Aduhwam a mo ne mo agyanom, mo ahemfo ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfoɔ no hyee no Yuda nkuro mu, ne Yerusalem mmorɔno soɔ no, ɛnyɛ ɛnonom na AWURADE akae, na afɔre ahyɛne n’adwene mu.


Na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nneyɛɛ atwa wɔn ho ahyia, ɛgu m’anim.


M’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no, ɛnam nko na wɔkum die; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛ na wabɛtwe wɔn aso, wɔ wɔn bɔne ho; Misraim na wɔbɛsane akorɔ.


Wɔama ɔsɛeɛ a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumuyɛ, ɔbɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne ho.


AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ: Hwɛ, nna bi bɛba mo so a wɔde ntɔnkɔgyei bɛtwe mo akorɔ, ne mo akyirikafoɔ nso, apofofoɔ nnarewa ano.


AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie): Me deɛ, mekyi Yakob ahantan, na metane n’aban denden no, na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.


kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan