Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 8:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so, na mopam ahiafo fi wɔn asase so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so, na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Muntie eyi, mo a mugye ahiafo amene wɔn, na moresɛe asase no so amanehunufo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 8:4
24 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Wɔsum ahiafoɔ firi ɔkwan so; asase so amanehunufoɔ bom hunta.


Nnome, nkontomposɛm ne amimdie ahyɛ n’anomu ma, na ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkyerɛma ase.


Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre AWURADE?


Menim sɛ AWURADE bɛdi ɔmanehunufoɔ asɛm, ɔbɛbu atɛn ama ahiafoɔ.


Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdasani repɛ me amene me, daa nyinaa ɔde ɔko hiahia me ho.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrantɛ, na wɔn dodomse yɛ nsekammoa, a wɔde mmɔborɔfoɔ firi asase soɔ ne ahiafoɔ firi nnipa mu.


Montie AWURADE asɛm, Sodom atitire! Monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ, mo Gomora man!


Enti montie AWURADE asɛm, mo afɛdifoɔ a modi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi soɔ.


Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atorɔ soɔ.


Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a wɔnni tire, wɔwɔ ani, nso wonhunu adeɛ, wɔwɔ aso, nso wɔnte asɛm.


Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Monnya nsania pa ne efa pa ne bat pa.


Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


Na menim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den. Mohiahia ɔteneneeni ho na mogyegye mpata, na mokyea ahiafoɔ asɛm kuro pono mu.


Na afei tie AWURADE asɛm: Wo deɛ, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel, na nsosɔ ngu Isak fie so.


na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye, ne afie, na wɔfefa, na wɔsi ɔbarima ne ne fie ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem.


na mo na moadi me man nam, na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ, ne ɛsɛn mu nam.


Na mese: Ɛdeɛn nie? Na ɔse: Efa susudeɛ a ɛfiri adie no nie. Na ɔse: Yei ne wɔn ahwɛdeɛ, asase nyinaa so.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Moabu deɛ ɔtene no fɔ akum no; ɔnsi mo kwan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan