Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na madanedane mo nnapɔnna mu abooboo ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitoma akyekyere asene nyinaa, na atipa aba etire nyinaa so; na mama no ayɛ sɛ ɔba korɔ ho abooboodie, na n’awieeɛ ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na madanedane mo nnapɔnna mu abooboo ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitoma akyekyere asene nyinaa, na atipa aba atire nyinaa so; na mama no ayɛ sɛ ɔba korɔ ho abooboodie, na n’awieeɛ ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mɛdan mo nyamesom aponto ama ayɛ awerɛhowdi na mo nnwonto nyinaa adan osu. Mɛma mo nyinaa afura atweaatam na mayi mo tinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba koro ho awerɛhowdida na awiei no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu. Mɛma mo nyinaa afira ayitoma na mayi mo tirinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na madannan mo nnapɔnna nkɔmmɔdi, ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitam akyekyere asen nyinaa, na tipae aba atiri nyinaa so; na mama ayɛ sɛ ɔba koro ho nkɔmmɔdi, na n’awiei ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 8:10
30 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛ deɛ wɔto bɛmma a ɛbɛtɔ, na ɔse: Mma mennhunu abɔfra yi wuo! Na ɔtenaa ne ntentensoɔ, na ɔmaa ne nne so sui.


Ɔbɛma n’abufuhyeɛ aba ne so ama no de ahyɛ n’afuru ma, na ɔbɛma no atɔ agu ne so de ayɛ n’aduane.


Esum ne sunsum nnye no, mununkum ntena so, deɛ ɛma adekyeeɛ duru sum nyi no hu.


Na me sankuo adane abooboo, na me tɛntɛbɛn adane asufoɔ nne.


Na ɛbɛba sɛ, ohwam ananmu na kankan bɛsie, na ntampehoma asi abɔsoɔ ananmu, na atipa asi mmɛsa ananmu, na ayitoma asi atadeɛ ananmu, na nhyehyeeɛ twa asi ahoɔfɛ ananmu.


Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsaneakyire atwi w’anim, na hunu na hwɛ sɛ gya a wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wonnie no so aba ne awerɛhoɔ. AWURADE, asafo AWURADE asɛm nie.


Na etire nyinaa so apepa, na bɔgyesɛ nyinaa akuku, nsa nyinaa ho ayɛ nkamaa, na ayitoma miamia asene.


O me man babaa, fira ayitoma na yantam nso mu; twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ, twa agyaadwo a ɛyɛ ya, ɛfiri sɛ mpofirim na ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ.


Yɛn akoma ahosan agyae, yɛn asa adane abooboodie.


na wɔafirafira ayitoma, na awɔse agu wɔn so; na aniwuo akata anim nyinaa, na wɔn nyinaa atifi bɛpa.


Wo onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel asase nie: Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba asase no ntwea nnan soɔ.


Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.


Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.


Twa adwo sɛ ababaa a ɔfira ayitoma ma ne mmabaaberɛ mu kunu.


Na sɛ ɔbarima bi tiri pa a, ɔyɛ atipa; ne ho te.


Metane na mepo mo nnapɔnna, na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.


Yi wo dwontoɔ gyegyeegyeyɛ firi me so, na wo sankubɔ nso, merentie.


Na asɔrefie nnwom bɛdane adwotwa ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, afunu no bɛdɔɔso, na wɔde kommyɛ bɛtoto wɔn agu mmaa nyinaa.


Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa, w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan