Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 7:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Sei na ɔmaa mehunuiɛ, na hwɛ, Awurade gyina ɔfasuo kyirebenn so, na kyirebennyɛ homa kura ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Sei na ɔmaa mehunuiɛ, na hwɛ, Awurade gyina ɔfasuo kyirebenn so, na kyirebennyɛ homa kura ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Eyi ne nea oyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasu a wɔato no kirebenn no ho, a okita kirebennyɛ susudua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Sɛɛ na ɔma mihui, na hwɛ, Awurade Nyankopɔn gyina ɔfasu kyerebenn so na kyerebennyɛ hama kura.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 7:7
13 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ.


Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.


Na mɛtwe Samaria susuhoma mu, ne Ahab fie so taahoma mu aba Yerusalem so, na mɛpepa Yerusalem mu sɛdeɛ wɔpepa ayowa mu, wɔpepa na wɔdane butuo;


Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma, na mede tenenee mayɛ nsania, na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no, na huntabea no nso, nsuo bɛsram so;


na akorɔma ne kɔtɔkɔ na wɔbɛfa, na patuo ne anene atena hɔ. Na ɔbɛsa so sakasakayɛ homa, na amamfoyɛ sumpii boɔ asɛne so.


AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babaa fasuo; ɔde susuhoma too ho, wampono ne nsa amfiri ne sɛeɛ ho, wama epie ne afasuo adi abooboo, ne nyinaa ahodwohodwo.


Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano.


AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho. Yei nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Kyirebennyɛ homa. Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, mede kyirebennyɛ homa bɛsi me man Israel mfimfini, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.


Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.


Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kaa sɛ: Sɔre na susu Nyankopɔn asɔredan ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no.


Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan