Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 7:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔbɛdii asase so ahahan wieeɛ no, mebisaa sɛ: O AWURADE Nyankopɔn, mekoto srɛ wo, fa kyɛ! Yakob bɛgyina sɛn? Ɔsua dodo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔbɛdii asase so ahahan wieeɛ no, mebisaa sɛ: O AWURADE Nyankopɔn, mekoto srɛ wo, fa kyɛ! Yakob bɛgyina sɛn? Ɔsua dodo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a mmoadabi no awe asase no so nnɔbae nyinaa no, meteɛɛ mu se “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn! Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam sɛ, “Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wobedii asase so ahaban wiei no, mekae sɛ: O AWURADE Nyankopɔn, fa firi ɛ! Yakob begyina dɛn, sɛ osua yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 7:2
20 Iomraidhean Croise  

O AWURADE, boa na ahotefoɔ rewie sa, na nokwafoɔ ase rehye nnipa mma mu.


Na wɔkataa asase no nyinaa ani maa esum duruu asase no so, na wɔdii asase no so nhahan nyinaa ne nnua a ɔsoro aboɔ no gyaeɛ no so aba nyinaa, na biribiara anka a ɛyɛ mono wɔ nnua mu ne mfuo mu nhahan mu wɔ Misraim asase no so nyinaa.


na ɔkaa sɛ: AWURADE, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ.


Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiriahene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.


Nnoɔma mmienu yi na ɛtoo woɔ, hwan na ɔbɛgyam woɔ? Ɔsɛeɛ ne bubuo ne ɛkɔm ne afena; mɛkyekyere wo werɛ sɛn?


Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi, na yɛn nsaneakyire adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛne kakraa bi a yɛaka firi nnipa bebree mu, sɛdeɛ wohu yɛn yi,


Na ɛbaa sɛ merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim butuu fam de nne kɛseɛ suu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wie na worewie Israel nkaeɛ koraa?


Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa?


Ao AWURADE, tie, Ao AWURADE, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔbɔ frɛ wo kuro ne wo man.


Ma asɔfoɔ, AWURADE asomfo no, nsu wɔ ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam, nka sɛ: O AWURADE, dodo wo man ho, na mfa w’agyapadeɛ mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Adɛn nti na wɔnka no aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?


Memaa ɔhoɔ ne ɔpoɔ baa mo so; mo nturo ne mo bobe nturo ne mo borɔdɔma ne mo ngo nnua dodoɔ no, ntutummɛ wee; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Na mese: O AWURADE Nyankopɔn, gyae ɛ! Mekoto srɛ wo. Yakob bɛgyina sɛn? Ɔsua dodo?


Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.


Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka asase so wura, anaa ahahan mono biara, anaa dua biara, gye nnipa a wɔnni Nyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma soɔ no nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan