Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 7:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnna Betel sɔfoɔ Amasia soma maa wɔkɔɔ Israelhene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fie mfimfini, ne nsɛm no nyinaa rensene asase yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnna Betel sɔfoɔ Amasia soma maa wɔkɔɔ Israelhene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fie mfimfini, ne nsɛm no nyinaa rensene asase yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Amasia a ɔyɛ Bet-El sɔfo de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam se, “Amos rebɔ pɔw atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nyɛ abodwosɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna Betel sɔfo Amasia soma kɔɔ Israel hene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fi mfinimfini, ne nsɛm no nyinaa rensen asase yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 7:10
23 Iomraidhean Croise  

Na ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ sɛ worebɛdi yɛn so hene anaasɛ worebɛdi yɛn so tumi? Na ne daeɛ ne ne nsɛm no nti wɔkɔɔ so tanee no bebree.


Asɛm yi akyiri no, Yeroboam ansane amfiri ne kwammɔne so, na ɔsane faa ɔman no mu baabiara nnipa sisii sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ; obiara a ɔpɛ no, ɔde asɔfodeɛ hyɛ ne nsa ma ɔyɛ sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no bi.


Na Ahab hunuu Elia no, Ahab bisaa no sɛ: Wo a woha Israel no, wo nie?


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na wɔtee nsɛm no nyinaa no, wɔde ahodwirie hwehwɛɛ wɔn anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: Yɛbɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ ɔhene.


Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma wɔnkum ɔbarima yi ɛ, ɛfiri sɛ ɔde sei rema akofoɔ a wɔaka kuro yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agogo, sɛ ɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn; na ɔbarima yi nyɛ deɛ ɔhwehwɛ asomdwoeɛ de ma ɔman yi, na mmom bɔne.


Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie.


Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no, mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso, na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn, na agu fam.


Wɔtane deɛ ɔtenetene, kuro pono mu, na wɔkyiri deɛ ɔka nsɛm a ɛyɛ nokorɛ.


Na monnhwehwɛ Betel akyiri kwan, na monnkɔ Gilgal, na monntwam nnkɔ Beer-seba; ɛfiri sɛ Gilgal bɛgyina akɔ otukorɔ mu, na Betel bɛdane huhuo.


Na sɛ Amos seɛ nie: Afena ano na Yeroboam bɛwuo, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.


Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?


Na wɔfirii aseɛ totoo n’ano sɛ: Yɛahunu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wɔnnyi toɔ mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ara ne Ɔhene Kristo no.


Yɛahunu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufoɔ a ɔde mansotwe ba Yudafoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Na wɔtee yeinom no, wɔn ani bereeɛ, na wɔtwɛree wɔn se guu ne so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan