Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 6:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mutu da bɔne hyɛ da na motwe atemmuda bɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda na motwe Atemmuo da bɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 O mo a mutu da bɔne hyɛ akyirikyiri, na mode nhyɛso agua twiw bɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 6:3
19 Iomraidhean Croise  

Amammɔeɛ adwa a ɛnam mmara so bɔ mmusuo no ne wo bɛfa yɔnkoɔ anaa?


Sɛ nneyɛɛ bɔne ho afobusɛm mma mu ntɛmntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔ ayɛ wɔn akoma ma.


na wokaa sɛ: Mɛyɛ awuraa akɔsi daa; na amma woamfa yeinom anhyɛ w’akomam, woankae wɔn awieeɛ.


Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


Wɔn a wɔdii adɔkɔdɔkɔdeɛ no ayɛ pasaa mmorɔno so; wɔn a wɔyɛne wɔn ɔtankɔkɔɔ soɔ no yɛ sumina atuu.


Onipa ba, abebusɛm bɛn na mowɔ no Israel asase so sɛ: Nna no rekyɛ, na adehunu nyinaa reyera?


Onipa ba, hwɛ, Israel fie ka sɛ: Adehunu a ɔhunu no bɛba nna bebree akyi, na ɛberɛ a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ.


Na asafo yuu a wɔato wɔn ho mpan wɔ mu, na wɔde nsabofoɔ kaa nnipa dodoɔ no ho firi ɛserɛ so baeɛ, na wɔde nkapo hyehyɛɛ wɔn nsa, na wɔde abotire afɛfɛ bobɔɔ wɔn.


Ɛfiri sɛ wɔnnim adetenenee yɛ, AWURADE asɛm nie, wɔn a wɔboa atirimuɔden ne dwotwa ano wɔ wɔn aban mu no.


Momma no mfa Asiria aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ano wɔ Samaria mmepɔ so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne mu no.


Na menim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den. Mohiahia ɔteneneeni ho na mogyegye mpata, na mokyea ahiafoɔ asɛm kuro pono mu.


Wɔnnue, wɔn a wɔfe AWURADE da no! AWURADE da yi bɛyɛ mo dɛn? Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann.


Apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika anaasɛ wɔde anantwie funtum hɔ anaa? Sɛ modane atemmuo awuduro na modane tenenee aba bɔnwono?


Afena ano na me man mu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛwuwuo, wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no.


Nhyɛsoɔ ayɛ emu adefoɔ amaama na emufoɔ ka atorosɛm na wɔn tɛkyerɛma yɛ nnaadaa wɔn anomu.


Na sɛ akoa bɔne no ka no n’akomam sɛ: Me wura rekyɛre ba,


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


abɛka sɛ: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na ɛfirii sɛ agyanom dedaeɛ yi, ade nyinaa te sɛdeɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ.


Ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi. Na hyɛn akwankyerɛfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa, ne hyɛn mufoɔ ne dodoɔ a wɔyɛ ɛpo so adwuma gyinagyina akyiri,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan