Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 6:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Monsene nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ, na monsiane nkɔ Filistifoɔ Gat. Wɔyɛ sene ahennie yi, anaasɛ wɔn hyeɛ mu trɛ sene mo hyeɛ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Monsene nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ, na monsiane nkɔ Filistifoɔ Gat. Wɔyɛ sene ahennie yi, anaasɛ wɔn hyeɛ mu trɛ sene mo hyeɛ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Monkɔ Kalne nkɔhwɛ hɔ. Na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse mu, munsian nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. Woye sen mo ahemman abien no? Wɔn asase no so sen mo de no ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ. Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu, monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no? Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Monsen nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse, na munsian nkɔ Filistifo Gat. So woye sen ahenni yi, anaasɛ wɔn hye mu trɛw sen mo hye?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 6:2
19 Iomraidhean Croise  

Na n’ahennie mfitiaseɛ ne Babel, Erek, Akad ne Kalne a ɛwɔ Sinear asase soɔ.


Na Hamathene Toi tee sɛ Dawid aka Hadadeser dɔm nyinaa aguo no,


Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson.


Na Asiriahene kɔfaa nnipa firii Babel ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwaim de wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu sii Israelfoɔ no ananmu, na wɔdii Samaria so na wɔtenaa ne nkuro mu.


Na Babelfoɔ no yɛɛ Sukot Benot, na Kutfoɔ no yɛɛ Nergal, na Hamatfoɔ no yɛɛ Asima,


Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame no wɔ? Wɔagye Samaria me nsam?


Ɛhe na Hamathene, Arpadhene, Sefarwaim kuro, Hena ne Iwahene no wɔ?


Na ɔfirii adi ne Filistifoɔ kɔkoe, na ɔbubuu Gat fasuo ne Yabne fasuo ne Asdod fasuo, na ɔkyekyeree nkuro Asdod ho ne Filistifoɔ no mu.


Damasko deɛ nie: Wɔakum Hamat ne Arpad aniwuo, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne bi; wɔn akoma atu; sɛ ɛpo a ahuru, ɛntumi nyɛ komm.


Woyɛ sene No-Amon a ɔte asutene ntam a nsuo nko atwa ne ho ahyia a n’aban ne ɛpo na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasuo no anaa?


Na ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistini katakyie a wɔfrɛ no Goliat a ɔfiri Gat no, firi Filistifoɔ mpasua mu bae, na ɔbɛkekaa nsɛm no ara, na Dawid teeɛ.


Na ɔbarima katakyie bi firi Filistifoɔ nsram firii adi, a ne din de Goliat a ɔfiri Gat, na ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa ne saama.


Na wɔmaa wɔde Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Nyankopɔn adaka no duruu Ekron no, Ekronfoɔ no teaa mu sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛku yɛn ne yɛn man!


Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wɔse: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan