Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 5:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔno na ɔyɛɛ nsoromma a ebi ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne Nwenwenente, na ɔdane esum kabii adekyeeɛ, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsuo hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɔno na ɔyɛɛ nsoromma a ebi ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne Nwenwenente, na ɔdane esum kabii adekyeeɛ, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsuo hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nea ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbeatan ne ne mma, nea ɔdan sum yɛ no adekyee na ɔma awia dan adesae. Nea ɔboaboa po mu nsu ano na ohwie gu asase so, ne din ne Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma, deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ na ɔma awia dane adesaeɛ. Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so, ne din ne Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔno na ɔyɛ nsoromma ahorow a ebi ne: Aberewa-ne-ne-mma ne Nyankrɛnte, na ɔdan sum kabii adekyee, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsu hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 5:8
23 Iomraidhean Croise  

Ɔyi adeɛ kuronkuron adi firi sum mu; na ɔde sum kabii firi ba hann mu;


sɛ ɛyɛ atenetene nti oo, sɛ ɛyɛ n’asase nti oo, sɛ ɛyɛ n’adɔeɛ so oo, ɔma no ba ara.


Woma wo nne so kɔ mununkum mu sɛ nsuo pii mmɛkata wo ho anaa?


ɔyɛ Nsorommason, Nwenwenente ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne anafoɔ fam mpiakyire.


Woma sum duru, na adeɛ sa, ɛno mu na kwaeɛ mu mmoa nyinaa keka wɔn ho.


Ɔsomaa esum maa no duruu sum, nanso wɔannwene ne nsɛm ho.


Na mɛgya anifirafoɔ wɔ ɔkwan a wɔnnim mu so, mɛma wɔanante atempɔn a wɔnnim soɔ so. Mɛma sum ayɛ hann wɔ wɔn anim, na deɛ ɛyɛ mmonkyimmɔnka no, mɛyɛ no tamaa. Adeɛ yei na mɛyɛ mama wɔn, na merennya wɔn.


Yɛkeka ɔfasuo ho sɛ anifirafoɔ, na yɛkeka sɛ wɔn a wɔnni ani; yɛsunti awia ketee sɛ kusuu mu, yɛhinhim ahoɔdenfoɔ mu sɛ awufoɔ.


Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahunu prɛko, mɛma wɔahunu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahunu sɛ, me din ne AWURADE.


Sei na AWURADE a ɔyɛ adeɛ yi, AWURADE a ɔsiesie ma no si hɔ no, a AWURADE ne ne din no seɛ:


Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no, deɛ ɔyɛ adekyehema esum, na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no, AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mɛma owia atɔ awiaberɛ, na mɛma sum aduru asase so awia ketee.


Ɔsi ne nsamsoɔ ɔsoro, na ɔto ne kuntunu fapem, asase so, ɔfrɛ po mu nsuo na ɔhwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


ɔman a wɔte sum mu no hunuu hann kɛseɛ bi na wɔn a wɔte owuo asase soɔ ne ne sunsum mu no, hann bi apue ama wɔn.


sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan